Publicidade

Gênesis 22

Wɔsɔ Abraham Hwɛ

1 Yeinom nyinaa akyiri, Onyankopɔn sɔɔ Abraham hwɛeɛ. Ɔfrɛɛ Abraham , "Abraham!"

Abraham buaa , "Me nie!"

2 Onyankopɔn ka kyerɛɛ no , "Fa wo ba, wo ba korɔ Isak a wodɔ no no Moria asase so, na fa no kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mmepɔ a ɛwɔ no mu baako a mɛkyerɛ wo no so."

3 Abraham sɔree anɔpatutuutu hyehyɛɛ nʼafunumu. Ɔfaa ne nkoa no mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho. Ɔtwitwaa egya a ɛbɛso ɔhyeɛ afɔdeɛ no no, ɔsiim kɔɔ baabi a Onyankopɔn kyerɛɛ no ɔnkɔ no. 4 Ne nnansa so no, Abraham too nʼani hunuu baabi a ɔrekɔ no akyirikyiri. 5 Na Abraham ka kyerɛɛ ne nkoa no , "Mo ne afunumu no ntwɛn ha, na me ne abarimaa no nkɔ animu kakra, nkɔsom. yɛsom wie a, yɛbɛsane aba."

6 Abraham faa anyina a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no de soaa ne ba Isak. Ɛnna ɔno nso faa egya ne sekammoa kuraeɛ. Ɛberɛ a wɔrekɔ no, 7 Isak frɛɛ nʼagya Abraham , "Agya!"

Ɛnna Abraham buaa , "Me ba, asɛm bɛn?"

Isak bisaa no , "Egya ne anyina no nie, na odwammaa a yɛde no rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no he?"

8 Abraham buaa , "Onyankopɔn no ankasa bɛma yɛn afɔredwan a yɛde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no." Afei, wɔn baanu no toaa so kɔeɛ.

9 Wɔbɛduruu baabi a Onyankopɔn kyerɛɛ no no, Abraham sii afɔrebukyia , hyehyɛɛ anyina no so. Ɔkyekyeree ne ba Isak, de no too anyina no so afɔrebukyia no so. 10 Abraham twee sekammoa no, pagyaa ɔde rebɛtwa ne ba no mene akum no. 11 Ɛhɔ ara na Awurade ɔbɔfoɔ frɛɛ no firi soro , "Abraham! Abraham!"

Ɛnna Abraham gyee so , "Me nie."

12 Awurade ɔbɔfoɔ no kaa , "Mfa wo nsa nka abɔfra no. Ɛnyɛ no bɔne biara. Esiane woamfa wo ba, wo ba korɔ no ankame me no enti, mahunu wosuro Onyankopɔn."

13 Abraham maa nʼani so hunuu nkyɛkyerɛ bi asɔ odwennini bi mmɛn mu wira no mu . Abraham kɔkyeree odwennini no de no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ afɔrebukyia no so, sii ne ba no ananmu. 14 Abraham too beaeɛ no din Awurade De Bɛma. Ɛbɛsi ɛnnɛ no wɔka , "wɔde bɛma Awurade bepɔ no so."

15 Awurade ɔbɔfoɔ no frɛɛ Abraham firii soro deɛ ɛtɔ so mmienu kaa , 16 "Maka me ho ntam , ɛsiane woayɛ yei, na woamfa wo ba, wo ba korɔ no ankame me enti, 17 hyira na mɛhyira wo na mama wʼase adɔre ɔsoro nsoromma ne mpoano anwea. Na wʼasefoɔ bɛgye wɔn atamfoɔ nkuropɔn adi so. 18 Wɔnam wʼasefoɔ so na wɔbɛhyira ewiase amanaman nyinaa, ɛfiri , woadi mʼasɛm so."

19 Afei, Abraham sane kɔɔ nʼasomfoɔ no nkyɛn ne wɔn siim kɔɔ Beer-Seba kɔtenaa .

Nahor Mma

20 Yeinom nyinaa akyiri no, wɔka kyerɛɛ Abraham , "Milka nso ɔbaatan a wawo mmammarima ama wo nuabarima Nahor. Wɔn din na ɛdidi so yi:

21 Us abakan, Us nuabarima Bus na ɔtɔ so mmienu.

Deɛ ɔdi so ne Kemuel, a ɔyɛ Aram agya.

22 Wɔn a wɔaka no ne Kesed, Haso, Pildas, Yidlaf ne Betuel."

23 Saa Betuel yi na ɔwoo Rebeka.

Milka ne Abraham nua Nahor na wɔwowoo saa mmammarima baawɔtwe yi.

24 Nahor ne ne mpena Rehuma nso wowoo mma baanan a wɔn din de,

Teba, Gaham, Tahas ne Maaka.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-