Publicidade

Gênesis 27

Yakob Gye Esau Nhyira

1 Isak bɔɔ akɔkoraa a nʼani so ayɛ no wisiwisi na ɔnhunu adeɛ papa no, ɛda koro bi, ɔfrɛɛ ne babarima panin Esau. "Me ba."

Ɛnna Esau gyee so , "Agya, menie."

2 Isak kaa , "Seesei mabɔ akɔkoraa, na mennim ɛda a mɛwu. 3 Fa wʼagyan ne wo bɛmma, na wiram kɔpɛ hanam bi brɛ me. 4 Fa noa mʼakɔnnɔduane no bi brɛ me, na menni, na menhyira wo ansa na mawu."

5 Ɛberɛ a Isak ne ne ba Esau rekasa no, na Rebeka retie. Enti, ɛberɛ a Esau kɔɔ ɔrekɔkum ɛnam no aba , ɛnna 6 Rebeka ka kyerɛɛ ne ba Yakob , "Yakob tie! Metee wʼagya reka akyerɛ wo nua Esau , 7 Kɔpɛ hanam bi fa noa mʼakɔnnɔduane no bi brɛ me, na menni, na menhyira wo Awurade anim, ansa na mawu.8 Afei, me ba, tie asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi yie, na di so. 9 nnwankuo no mu, na kɔkyere nnwan mmienu a wɔadɔre sradeɛ brɛ me, na memfa nnoa akɔnnɔduane, sɛdeɛ wʼagya no pɛpɛɛpɛ mma no. 10 menoa wie a, fa kɔma no, na ɔnni, na ɔnhyira wo ansa na wawu."

11 Yakob ka kyerɛɛ ne maame Rebeka , "Wonim me nua Esau ho nwi, na me nso, me ho toromtorom. 12 ɛba mʼagya de ne nsa fa me ho, na ɔhunu ɛnyɛ Esau a, ɛbɛyɛ gyama meredaadaa no, na wadome me mmom, sene anka ɔbɛhyira me."

13 Yakob maame ka kyerɛɛ no , "Me ba, ma nnome no mmra me so. Wo deɛ, deɛ maka akyerɛ wo no ara. na kɔkyere nnwan no brɛ me."

14 Enti, Yakob tiee ne maame Rebeka asɛm, kɔkyeree nnwan no brɛɛ no. Na ɔkumm wɔn, de noaa akɔnnɔduane bi, sɛdeɛ Isak no pɛpɛɛpɛ. 15 Ɛno akyiri no, Rebeka faa ne ba panin Esau atadeɛ papa bi a ɛwɔ fie de maa ne ba Yakob hyɛeɛ. 16 Afei, ɔde nnwan a wɔkumm wɔn no nwoma yɛɛ ahyɛnsa, kataa Yakob nsa ho. Ɔde bi kataa ne kɔn ho nyinaa. 17 Ɔde burodo a wato no foforɔ kaa akɔnnɔduane a wanoa no ho, de maa ne ba Yakob.

18 Yakob de aduane no kɔmaa nʼagya Isak ne dan mu. Ɔduruu no, ɔkaa , "Agya!"

Isak buaa , "Mewɔ na wo hwan a?"

19 Yakob ka kyerɛɛ nʼagya , "Ɛyɛ me wʼabakan Esau. Mayɛ deɛ woka kyerɛɛ me menyɛ no. Mede hanam a wopɛ no bi anoa wʼakɔnnɔduane no abrɛ wo, enti mesrɛ wo, sɔre tena ase, na didi, na wodidi wie a, woahyira me."

20 Isak bisaa ne ba no , "Ɛyɛɛ sɛn na wo ho ayɛ hare sɛɛ yi?"

Yakob buaa , "Awurade, wo Onyankopɔn no, na ɔgyinaa mʼakyi maa me nsa kaa hanam no bi ntɛm."

21 Afei, Isak ka kyerɛɛ Yakob , "Me ba, twe bɛn me, na memfa me nsa nka wo nhwɛ , wo ne me ba Esau no ampa anaa."

22 Yakob twe bɛn nʼagya Isak, na ɔde ne nsa kekaa ne ho kaa , "Nne yi Yakob nne, nanso nsa yi Esau deɛ." 23 Isak anhunu ɛyɛ Yakob, ɛfiri , na ne nsa ho nwi te ne nua Esau pɛpɛɛpɛ. Enti, ɔhyiraa no. 24 Isak sane bisaa Yakob , "Enti, ampa ara wo ne me ba Esau no?"

Yakob buaa , "Aane, me ne Esau."

25 Afei, Isak kaa , "Me ba, fa wʼaduane no brɛ me na menni, na medi wie a, mahyira wo."

Yakob de aduane no brɛɛ nʼagya Isak, na ɔdiiɛ; ɔsane de nsã brɛɛ no ma ɔnomeeɛ. 26 Isak wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ Yakob , "Me ba, bra bɛfe mʼano!"

27 Enti, Yakob kɔɔ nʼagya Isak nkyɛn kɔfee nʼano. Ɛberɛ a Isak huaa Yakob atadeɛ mu, na ɔgye too mu , ɛyɛ ne ba Esau no, ɔhyiraa no ,

"Ampa ara! Me ba ho hwa te

ehwa a ɛfiri afuo

a Awurade ahyira so no mu.

28 Onyankopɔn mma wo ɔsoro bosuo ne asase mu sradeɛ,

na afuom aduane ne nsã mmu wo so.

29 Amanaman bɛsom wo,

na nnipa nyinaa abu wo nkotodwe.

Wobɛdi wo nuanom so, na wo maame mma nso akoto wo.

Wɔbɛdome wɔn a wɔdome wo nyinaa,

na wɔn a wɔhyira wo nyinaa nso,

wɔbɛhyira wɔn."

Esau Nhyira Abɔ No

30 Isak hyiraa Yakob wieeɛ, na ɔfirii nʼagya nkyɛn kɔeɛ ara , na ne nua Esau firi nʼahayɔ baeɛ. 31 Ɔno nso noaa akɔnnɔduane brɛɛ nʼagya. Na ɔka kyerɛɛ no , "Agya, sɔre na di me hanamduane no, na hyira me."

32 Nʼagya Isak bisaa no , "Na hwan nie?"

Esau buaa , "Ɛyɛ me wʼabakan Esau."

33 Isak tee saa asɛm yi , ne ho hyɛɛ aseɛ wosoo biribiribiri, na ɔbisaa , "Ɛnneɛ, na hwan na ɔkɔɔ ahayɔ kɔkumm ɛnam de noaa aduane brɛɛ me yi. Medidi wieeɛ hyiraa onipa ko no na wobaeɛ yi? Nokorɛ mu ni, nhyira a mahyira no no, mesane mʼano a, ɛrenyɛ yie!"

34 Ɛberɛ a Esau tee asɛm a nʼagya kaeɛ no, ɔno nso de awerɛhoɔ teaam dendeenden, ka kyerɛɛ nʼagya , "Agya! Hyira me. Hyira me nso bi!"

35 Nanso, Isak kaa , "Ɛnneɛ, na wo nua na ɔde nnaadaa abɛgye wo nhyira !"

36 Esau kaa , "Ɛnyɛ nwanwa wɔfrɛ no Yakob27.36 Edin Yakob asekyerɛ reyɛ akɔyɛ omimfoɔ anaa osisifoɔ. a aseɛ kyerɛ nantitwitwafoɔ. Yei ne ne mprenu so a wadaadaa me. Deɛ ɛdi ɛkan ne , ɔdaadaa me gyee me panin. Deɛ ɛtɔ so mmienu nso ne , ɔde nnaadaa agye me nhyira!" Afei, Esau bisaa nʼagya , "Enti, woannya me nhyira no bi a wode bɛhyira me nso?"

37 Isak buaa Esau , "Manya de no ayɛ wo wura dada. Mede ne nuanom nyinaa ayɛ ne nkoa. Mahyira no , ɔbɛnya afuom nnuane ne nsã foforɔ bebree. Na afei, ɛdeɛn bio na aka a mɛtumi ayɛ ama wo, me ba?"

38 Esau bisaa nʼagya , "Agya, enti nhyira baako na wowɔ? Ao, agya, hyira me nso bi!"

Esau Twaa Adwo

39 Afei, nʼagya Isak buaa no ,

"Tie! Asase27.39 Edom asase a na Esau asefoɔ te so no, na ɛyɛ kwawee ne abotan a sradeɛ nni mu koraa (1 Mose 36.8; 2 Ah 8.20). kesee so na wobɛtena,

na ɛsoro bosuo rentɔ so.

40 Wode wo akofena na ɛbɛtena ase,

na woasom wo nua kumaa.

Nanso, daakye bi,

wokentene wo ho a,

wobɛfiri wo nua no som ase."

Yakob Dwane Laban Nkyɛn

41 Esiane Esau nhyira a Yakob kɔdaadaa wɔn agya Isak gyeeɛ no enti, Esau tanee Yakob. Esau kaa ne tirim , "Ɛrenkyɛre, na mʼagya Isak awu. ɔnya wu a, mɛkum me nua Yakob."

42 Obi tee adwene a Esau afa ne nua kumaa Yakob ho no, ɔkɔbɔɔ wɔn maame Rebeka amanneɛ. Enti, Rebeka soma kɔfrɛɛ ne ba kumaa Yakob, na ɔka kyerɛɛ no , "Wo nua Esau abɔ ne tirim , ɔnya wo a, ɔbɛkum wo ansa na ne bo atɔ ne yam. 43 Enti, me ba, tie asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi yie. Dwane ntɛm me nua Laban nkyɛn Haran. 44 Tena ne nkyɛn kakra , kɔsi , wo nua Esau bo bɛdwo. 45 wo nua akoma ne yam, na ne werɛ firi deɛ woyɛɛ no, na ɔgyaa mu ma ɛka a, mɛsoma abɛka akyerɛ wo, na woafiri Haran aba. Adɛn enti na ɛsɛ metena hwɛ, na me mma baanu bom wu ɛda koro?"

46 Enti, Rebeka ka kyerɛɛ Isak , "Saa Hetifoɔ mmabaawa yi koraa ama asetena afono me. ɛkɔba Yakob nso kɔware Hetifoɔ asase so mmabaawa yi bi a, mmaa te yeinom bi a, ɛnneɛ, na mewuiɛ koraa a, anka ɛyɛ."

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-