Pular para o conteúdo
Publicidade

Gênesis 39

Yosef Ne Potifar Yere Ho Asɛm

1 Wɔde Yosef kɔɔ Misraim. Misraimni Potifar a na ɔyɛ Misraimhene Farao dabehene a na ɔtua asraafodɔm ano no na ɔtɔɔ Yosef firii Ismaelfoɔ adwadifoɔ no nsam.

2 Na Awurade ka Yosef ho enti, nʼabrabɔ sii no yie. Ɔtenaa ne wura Misraimni no fie. 3 Yosef wura no hunuu , Awurade ka ne ho, na ɔyɛeɛ no, Awurade hyiraa so maa no na 4 nʼabrabɔ sɔɔ ne wura no ani, maa ɔde no yɛɛ ne ɔboafoɔ. Ankyɛre koraa na Potifar de Yosef sii ne fiefoɔ so panin, de nʼagyapadeɛ ne nʼadwumadeɛ nyinaa hyɛɛ ne nsa. 5 Ɛberɛ a Potifar de Yosef sii ne fiefoɔ so panin, de nʼadwumadeɛ nyinaa hyɛɛ ne nsa no, ɛsiane Yosef enti, Awurade hyiraa Misraimni Potifar fie so. Awurade hyiraa nʼagyapadeɛ a ɛwɔ fie ne ne mfuo nyinaa so. 6 Enti, ɔde nʼagyapadeɛ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa. Esiane Potifar de nʼagyapadeɛ ne nʼadwumadeɛ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa enti, wannwene biribiara ho aduane a ɔbɛdi nko ara.

Na Yosef aberanteɛ a ɔwɔ nnyinasoɔ, na ne ho nso yie. 7 Ankyɛre ahe biara na Yosef wura Potifar yere tuu nʼani sii ne so. Ɛda bi, Potifar yere no ka kyerɛɛ Yosef , "Bra, na wo ne me mmɛda!"

8 Nanso, Yosef ampene so, ka kyerɛɛ ne wura yere no , "Esiane efie ha biribiara hyɛ me nsa enti, me wura nnwene efie ha biribiara ho. Ɔde nʼagyapadeɛ nyinaa ahyɛ me nsa. 9 Obiara nni tumi nsene me efie ha. Me wura mmfa biribiara nkame me efie ha wo nko ara, ɛfiri , woyɛ ne yere. Onyame mpa ngu mɛyɛ adeɛ a ɛte saa. Ɛbɛyɛ dɛn na matumi ayɛ amumuyɛdeɛ a ɛte seyie! Ɛbɛyɛ bɔne kɛseɛ atia Onyankopɔn." 10 Ɛwom ɛda biara da na Potifar yere no de saa asɛm yi dwan Yosef ho deɛ, nanso Yosef antwe ammɛn no mpo, na akɔwie ɔne no bɛda.

11 Ɛda koro bi, Yosef kɔɔ efie ɔrekɔyɛ nʼadwuma. Ɔduruu no, na asomfoɔ no mu biara nni . 12 Potifar yere no sɔɔ Yosef atadeɛ mu, ka kyerɛɛ no , "Bra na wo ne me mmɛda!" Nanso, Yosef paa nʼatadeɛ no guu ne so, dwane firii efie .

13 Potifar yere no hunuu Yosef apa nʼatadeɛ agu ne so, na wadwane afiri efie no, 14 ɔfrɛɛ ne fiefoɔ, de nteateam ka kyerɛɛ wɔn , "Monhwɛ! Me kunu akɔfa Hebrini bi aba efie ha ɔmmɛgu yɛn anim ase. Ɔbaa ha ɔrebɛto me monnaa na meteateaam. 15 Ɔtee mereteateam no, ɔpaa nʼatadeɛ guu me so, dwane firii fie ha."

16 Potifar yere no de Yosef atadeɛ a ɔpa guu ne so no sieeɛ, kɔsii ne kunu baeɛ. 17 Ɔbaa no bɔɔ ne kunu amaneɛ , "Hebrini akoa no a wokɔtɔɔ no brɛɛ yɛn no baa me nkyɛn anka ɔrebɛto me monnaa. 18 Meteateaam no na ɔdwane firii efie ha, gyaa nʼatadeɛ ."

19 Ɛberɛ a Yosef wura Potifar tee asɛm a ne yere ka kyerɛɛ no , "Ɔkwan a wʼakoa no de me faa so nie" no, ne bo fuu yie. 20 Yosef wura Potifar tee asɛm no no, ɔkyeree Yosef kɔtoo afiase, faako a ɔhene nneduafoɔ guo no.

Ɛberɛ a Yosef da afiase no, 21 na Awurade ka ne ho. Awurade yɛɛ no adɔeɛ, maa ɛno enti, afiase sohwɛfoɔ panin no pɛɛ nʼasɛm yie. 22 Ɛyɛɛ saa maa afiase sohwɛfoɔ panin no de Yosef sii nneduafoɔ no nyinaa so panin, a na biribiara a wɔyɛ afiase no hyɛ ne nsa. 23 Esiane na Awurade ka Yosef ho no enti, na afiase sohwɛfoɔ panin no nha ne ho nyɛ adwuma. Ɛfiri , biribiara a Yosef bɛyɛ no nso, Awurade hyira so ma ɛsi yie.

Veja também