Pular para o conteúdo
Publicidade

Gênesis 6

Nnipa Ne Bɔne

1 Ɛberɛ a nnipa dɔɔso asase so no, wɔwoo mmammaa. 2 Onyankopɔn mmammarima no hunuu nnipa mmammaa no ho enti, deɛ obiara no no, ɔfaa no wareeɛ. 3 Afei, Awurade kaa , "Me honhom rentena nnipa mu nkɔsi daa, ɛfiri , wɔyɛ ɔhonam; na wɔn nkwa nna bɛyɛ mfeɛ ɔha aduonu."

4 Saa ɛberɛ no, na nnipa akwabrane asase no so. Ɛberɛ a Onyankopɔn mmammarima yi kɔɔ nnipa mmammaa yi ho no, wɔne wɔn wowoeɛ. Saa nnipa yi ne kane tete nnipa atitire a na wɔyɛ akofoɔ a wɔgyee edin no.

5 Awurade Onyankopɔn hunuu adasamma amumuyɛ adɔɔso asase so, na nnipa nsusuiɛ nyinaa bɔne nko ara. 6 Ɛyɛɛ Awurade Onyankopɔn awerɛhoɔ ɔbɔɔ wɔn bɛtenaa asase so. Saa bɔne no yɛɛ Awurade Onyankopɔn awerɛhoɔ. 7 Awurade kaa , "Mɛpepa nnipa a mabɔ wɔn no afiri asase so; mmoa ne mmoa a wɔwea asase so ne ewiem nnomaa, ɛfiri , ɛyɛ me ya mebɔɔ wɔn." 8 Nanso, Noa deɛ, ɔnyaa adom Awurade anim.

9 Noa awoɔ ntoatoasoɔ nie.

Na Noa onipa teneneeni a ne ho nni asɛm ne berɛsofoɔ mu. Ɔyɛɛ Onyankopɔn apɛdeɛ.

Veja também