Publicidade

Gênesis 6

Nnipa Ne Bɔne

1 Ɛberɛ a nnipa dɔɔso asase so no, wɔwoo mmammaa. 2 Onyankopɔn mmammarima no hunuu nnipa mmammaa no ho enti, deɛ obiara no no, ɔfaa no wareeɛ. 3 Afei, Awurade kaa , "Me honhom rentena nnipa mu nkɔsi daa, ɛfiri , wɔyɛ ɔhonam; na wɔn nkwa nna bɛyɛ mfeɛ ɔha aduonu."

4 Saa ɛberɛ no, na nnipa akwabrane asase no so. Ɛberɛ a Onyankopɔn mmammarima yi kɔɔ nnipa mmammaa yi ho no, wɔne wɔn wowoeɛ. Saa nnipa yi ne kane tete nnipa atitire a na wɔyɛ akofoɔ a wɔgyee edin no.

5 Awurade Onyankopɔn hunuu adasamma amumuyɛ adɔɔso asase so, na nnipa nsusuiɛ nyinaa bɔne nko ara. 6 Ɛyɛɛ Awurade Onyankopɔn awerɛhoɔ ɔbɔɔ wɔn bɛtenaa asase so. Saa bɔne no yɛɛ Awurade Onyankopɔn awerɛhoɔ. 7 Awurade kaa , "Mɛpepa nnipa a mabɔ wɔn no afiri asase so; mmoa ne mmoa a wɔwea asase so ne ewiem nnomaa, ɛfiri , ɛyɛ me ya mebɔɔ wɔn." 8 Nanso, Noa deɛ, ɔnyaa adom Awurade anim.

9 Noa awoɔ ntoatoasoɔ nie.

Na Noa onipa teneneeni a ne ho nni asɛm ne berɛsofoɔ mu. Ɔyɛɛ Onyankopɔn apɛdeɛ. 10 Noa woo mmammarima baasa na wɔn din de Sem, Ham ne Yafet.

11 Na bɔne ahyɛ asase so ma a amumuyɛsɛm adɔɔso. 12 Onyankopɔn hunuu saa bɔne yi nyinaa asase so, hunuu awurukasɛm ne amumuyɛsɛm, afanan nyinaa nso. 13 Enti, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa , "Esiane nnipa ama basabasa aba asase so enti, mɛsɛe nnipa ne asase a wɔte so no nyinaa. 14 Fa ɔwawa dua adaka. adan Adaka no mu, na fa ama ka emu ne akyire nyinaa. 15 Sei na ɛsɛ woyɛ no: ma ne tenten nyɛ anammɔn ahanan aduonum, ne trɛ anammɔn aduɔson enum, na ne ɔsorokɔ nso nyɛ anammɔn aduanan enum. 16 adaka no so. Ma ne ɔsorokɔ nyɛ bɛyɛ nsateakwaa dunwɔtwe. Fa ɛpono to adaka no nkyɛn, na nsamsoɔ mmiɛnsa; deɛ ɛdi ɛkan, deɛ ɛda ntam ne deɛ ɛwɔ soro. 17 Tie! Mede nsuyire bɛkata asase so nyinaa, na mede asɛe abɔdeɛ a nkwa mu; biribiara a nkwa mu no, ne nyinaa bɛwuwu. 18 Na wo deɛ, me ne wo bɛyɛ apam; na wo, wo mmammarima, wo yere ne wo mmammarima yerenom nyinaa ne wo bɛba Adaka no mu. 19 Ɛsɛ wode abɔdeɛ a nkwa mu nyinaa, mmienu mmienu a, ɛyɛ onini ne ɔbereɛ a, wo ne wɔn bɛtena adaka no mu nsuyire berɛ no a, wɔnwuwuo. 20 Nnomaa ahodoɔ biara mmienu, mmoa biara mmienu, ne abɔdeɛ biara a ɛwea asase so mmienu bɛba wo nkyɛn, na woahwɛ wɔn, na wɔanwuwu. 21 Afei, fa nnuane ahodoɔ a, wɔdie na kora. Ɛno na ɛbɛyɛ wo ne wɔn nnuane a mobɛdi."

22 Noa yɛɛ biribiara pɛpɛɛpɛ, sɛdeɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ no ɔnyɛ no.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-