Publicidade

Gênesis 7

1 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Noa , "Wo ne wo fiefoɔ nyinaa nkɔ Adaka no mu, ɛfiri , asase so nnipa nyinaa no, wo na mahunu woyɛ ɔteneneeni. 2 Fa mmoa a wɔn ho te biara, anini nson ne abereɛ nson ka wo ho. Na fa mmoa biara a wɔn ho nte nso mmienu, onini ne ɔbereɛ. 3 Na fa nnomaa biara anini nson ne abereɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nsuyire no akyiri no, wɔn ase bɛfɛe. 4 Nnanson ɛnnɛ pɛpɛɛpɛ, mɛma osuo atɔ asase so awia ne anadwo adaduanan. Mɛpepa abɔdeɛ biara a nkwa mu a mabɔ afiri asase so."

5 Noa dii nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no nyinaa so.

6 Ɛberɛ a nsuyire baa asase so no, na Noa adi mfeɛ aha nsia. 7 Noa ne ne mmammarima ne ne yere ne ne nsenom mmaa kɔhyɛɛ adaka no mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nsuyire no renka wɔn. 8 Mmoa a wɔn ho te ne wɔn a wɔn ho nte, nnomaa ne mmoa a wɔwea fam, 9 mmienu mmienu a wɔyɛ anini ne abereɛ kɔkaa Noa ho adaka no mu, sɛdeɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa ɔnyɛ no. 10 Na nnanson no akyiri no, nsuyire no hyɛɛ aseɛ.

11 Noa dii mfeɛ ahansia no mu no, bosome a ɛtɔ so mmienu no ɛda a ɛtɔ so dunson no, nsutire a ɛwɔ asase mu no nyinaa bobɔeɛ, na ɛsoro mpomma nso buebueeɛ. 12 Osuo tɔɔ asase so awia ne anadwo adaduanan.

13 Saa ɛda no ara, Noa ne ne mmammarima Sem, Ham ne Yafet ne ne yere ne ne mmammarima baasa no yerenom kɔhyɛɛ adaka no mu. 14 Na wiram mmoa ahodoɔ ne nyɛmmoa ahodoɔ ne aboa biara a ɔnam asase so ne anomaa biara ne abɔdeɛ biara a ɛwɔ ntaban ka wɔn ho Adaka no mu. 15 Abɔdeɛ biara a nkwa wɔn mu mmienu mmienu baa Noa nkyɛn bɛwuraa Adaka no mu. 16 Mmoa a wɔwuraa mu no nyinaa, na wɔyɛ anini ne abereɛ, sɛdeɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa no. Afei, Awurade kaa Noa hyɛɛ adaka no mu, too no mu.

17 Nsuyire no toaa so adaduanan asase so. Ɛmaa Adaka no so ma ɛtɛɛ nsuo no ani. 18 Nsuo no kɔɔ so yirii tɛnn asase so, ma Adaka no tɛɛ nsuo no ani. 19 Nsuo no yirii tɛntɛntɛn asase so ara kɔsii , ɛkataa mmepɔ atentene akɛseɛ a ɛwɔ asase so nyinaa so. 20 Nsuo no yirii ara kɔsii ɛkataa mmepɔ no so boroo so anammɔn aduonu. 21 Abɔdeɛ biara a nkwa mu a ɛnam asase so te nnomaa, wiram mmoa a wɔwea asase so ne adasamma ase hyeeɛ. 22 Biribiara a ɛte asase kesee so nso ase hyeeɛ. 23 Wɔpepaa biribiara a nkwa mu a ɛte asase so no. Nnipa ne mmoa ne abɔdeɛ a wɔnam asase so ne ewiem nnomaa nyinaa nso, wɔpepaa wɔn firii asase so. Ɛkaa Noa ne wɔn a na wɔka ne ho adaka no mu nko ara.

24 Nsuyire no toaa so asase so nnafua ɔha aduonum.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-