Pular para o conteúdo
Publicidade

Jó 11

Sofar Mmuaeɛ A Ɛdi Ɛkan

1 Na Naamani Sofar buaa ,

2 "Ɛnsɛ wɔyi saa nsɛm yi ano anaa?

Ɛsɛ wɔbu saa ɔkasafoɔ yi bem anaa?

3 Wo nsɛm hunu no bɛma nnipa ayɛ komm anaa?

wodi a obiara renka wʼanim anaa?

4 Woka kyerɛ Onyankopɔn , Me gyidie ho nni asɛm

na meyɛ wʼani so.

5 Ao, anka mepɛ Onyankopɔn kasa,

anka ɔnkasa ntia wo

6 na ɔmmue nyansa mu ahintasɛm so nkyerɛ wo,

ɛfiri nyansa turodoo afanu.

Hunu yei , Onyankopɔn werɛ afiri wo bɔne no bi mpo.

7 "Wobɛtumi ate Onyankopɔn anwanwadeɛ ase anaa?

Wobɛtumi abɔre ahunu deɛ Otumfoɔ no tumi kɔpem anaa?

8 Ɛkorɔn sene ɔsoro, ɛdeɛn na wobɛtumi ayɛ?

Emu sene damena ase tɔnn, ɛdeɛn na wobɛtumi ahunu?

9 Ne nsusuiɛ mu ware sene asase

na ɛtrɛ sene ɛpo.

10 "ɔba na ɔde wo to nneduadan mu

ansa na wasi nkonnwa a, hwan na ɔbɛtumi asi no ɛkwan?

11 Ampa ara ɔhyɛ nnipa nnaadaafoɔ nso;

na ɔhunu amumuyɛ a, ɔnhyɛ ne nso anaa?

12 Nanso ogyimifoɔ rentumi nyɛ onyansafoɔ

sɛdeɛ wɔrentumi nwo afunumu ba onipa no.

13 "Na wode wʼakoma ma no

na wopagya wo nsa kyerɛ no,

14 wogyaa bɔne a wokura no mu

na woamma amumuyɛ antena wo ntomadan mu a,

15 ɛnneɛ, wobɛpagya wo ti a womfɛre;

wobɛgyina pintinn a wonsuro.

16 Wo werɛ bɛfiri wʼahokyere,

na ɛbɛyɛ wo nsuo a asene korɔ.

17 Wʼabrabɔ bɛhyerɛn asene owigyinaeɛ,

na esum bɛyɛ adekyeɛ hann.

18 Wobɛnya banbɔ, ɛfiri anidasoɔ ;

wobɛhwɛ wo ho ahyia, na wahome asomdwoeɛ mu.

19 Wobɛda ahome, na obi renhunahuna wo,

na bebree bɛhwehwɛ mmoa afiri wo nkyɛn.

20 Amumuyɛfoɔ ani bɛfira,

wɔrentumi nnwane;

na wɔn anidasoɔ bɛdane owuo ahomeguo."

Veja também