Pular para o conteúdo
Publicidade

Hiob 17

1 Me sunsum atɔ piti,

me nna so atwa,

na damena retwɛn me.

2 Ampa ara fɛdifoɔ atwa me ho ahyia;

ɛsɛ mehwɛ wɔn atutupɛ.

3 "Ao Onyankopɔn, hyɛ me ɛbɔ a wopɛ.

Hwan bio na ɔbɛma me banbɔ?

4 Woato wɔn adwene mu a wɔnte asɛm ase;

enti woremma wɔnni nkonim.

5 obi sopa ne nnamfonom de nya akatua a,

ne mma ani bɛfira.

6 "Onyankopɔn de me ayɛ asɛm a ɛda obiara ano,

obi a wɔte ntasuo gu nʼani so.

7 Awerɛhoɔ ama mʼani ayɛ samoo

me bɔberɛ nyinaa sunsumma.

8 Ateneneefoɔ hunu me a, ɛyɛ wɔn nwanwa.

Wɔn a wɔdi bem no bɛsɔre atia wɔn a wɔnni nyamesu.

9 Ateneneefoɔ bɛkɔ wɔn anim,

na wɔn a wɔn nsa ho teɛ bɛkɔ so anya ahoɔden.

10 "Mo nyinaa mo nsane mmra mmɛsɔ me nhwɛ!

Na merennya onyansafoɔ mo mu.

11 Me nna atwam, me nhyehyɛeɛ apansam,

saa ara na mʼakoma apɛdeɛ nso ayɛ.

12 Saa nnipa yi ma anadwo dane awia;

esum mu koraa no, wɔka , Hann abɛn,

13 efie baako a mʼani da so ne damena,

mesɛ me kɛtɛ esum mu,

14 meka kyerɛ porɔeɛ , Woyɛ mʼagya,

na me kyerɛ ɔsonsono , Me maameanaa Me nuabaaa,

15 na afei mʼanidasoɔ he?

Hwan na ɔbɛtumi anya anidasoɔ bi ama me?

16 Ɛbɛsiane akɔ owuo ɛpono ano anaa?

Yɛn nyinaa bɛsiane akɔ mfuturo mu anaa?"

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também