Pular para o conteúdo
Publicidade

Hiob 3

Hiob Kasa

1 Akyire no, Hiob kasaeɛ, na ɔdomee ɛda a wɔwoo no. 2 Ɔkaa ,

3 "Ma ɛda a wɔwoo me no nyera,

ne anadwo a wɔkaa , Wɔawo ɔbabarima no!

4 Saa ɛda no nnuru sum;

mma Ɔsoro Onyankopɔn nhwehwɛ akyire kwan;

mma hann biara ntɔ ngu so.

5 Ma esum ne owusum nnye no mfa;

ma omununkum nkata so;

na esum mmunkam ne hann so.

6 Ma esum kabii nnye saa anadwo no mfa;

ma wɔnyi saa anadwo no mfiri asranna so

na wɔmmfa nhyɛ ɔbosome biara mu.

7 Saa anadwo no nyɛ obonini;

mma wɔnnte anigyeɛ nteam mu.

8 Ma wɔn a wɔdome nna no nnome saa ɛda no;

wɔn a wɔayɛ krado wɔbɛkanyane dɛnkyɛmmirampɔn no.

9 Ma nʼanɔpa nsoromma nnuru sum;

na ɔntwɛne adekyeeɛ kwa

a ɔnhunu anɔpa owia nsensaneɛ a ɛdi ɛkan,

10 ɛfiri anto deɛ ɔwoo me awotwaa mu ama wawo me,

anka mʼani nhunu saa abɛbrɛsɛ yi.

11 "Adɛn enti na manwu awoeɛ ,

ɛberɛ a mefiri me maame awotwaa mu no?

12 Adɛn enti na nkotodwe gyee me

ne nufoɔ mennum?

13 Anka sɛsɛɛ meda asomdwoeɛ mu;

anka mada regye mʼahome

14 me ne ewiase ahemfo ne fotufoɔ,

wɔn a wɔsisii adan maa wɔn ho na ɛnnɛ yi abubuo no,

15 me ne sodifoɔ a na wɔwɔ sika kɔkɔɔ,

wɔn a wɔde dwetɛ hyɛɛ wɔn afie mu ma.

16 Anaasɛ adɛn enti na wɔansie me ɔpɔn ba,

te abadomaa a wanhunu adekyeeɛ hann da?

17 Ɛhɔ na amumuyɛfoɔ gyae basabasayɛ,

na abrɛfoɔ nya ahomegyeɛ.

18 Nneduafoɔ nso nya wɔn ahofadie;

na wɔnte nnommumfoɔ wuranom ateatea bio.

19 Nketewa ne akɛseɛ ,

na akoa de ne ho firi ne wura nsam.

20 "Adɛn enti na wɔma mmɔborɔfoɔ hann,

na ɔkra mu ahohiahiafoɔ nya nkwa?

21 Wɔn kɔn owuo, nanso ɛmma.

Wɔbrɛ hwehwɛ owuo sene sɛdeɛ wɔhwehwɛ akoradeɛ.

22 wɔwu a, wɔn ani gye

na wɔduru damena mu a, wɔdi ahurisie.

23 Adɛn enti na wɔde nkwa ma onipa a

ɔnni daakye,

deɛ Onyankopɔn aka no ahyɛ mu?

24 Ahomekokoguo adane mʼaduane;

na mʼapinisie gu te nsuo.

25 Deɛ na mesuro no aba me so;

deɛ na ɛbɔ me hu no ato me.

26 Menni ahotɔ, menni asomdwoeɛ;

menni ahomegyeɛ na mmom, ɔhaw nko ara."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também