Pular para o conteúdo
Publicidade

Hiob 34

1 Afei Elihu kaa ,

2 "Mo anyansafoɔ, montie me nsɛm;

mo animdefoɔ monyɛ aso mma me.

3 Ɛfiri aso nsɛm hwɛ

sɛdeɛ tɛkrɛma ka aduane hwɛ no.

4 Momma yɛnsese nhunu deɛ ɛyɛ ma yɛn.

Momma yɛn nyinaa mmɔ mu nsua deɛ ɛyɛ.

5 "Hiob kaa , Me ho nni asɛm,

nanso Onyankopɔn abu me ntɛnkyea.

6 Ɛwom mʼasɛm da ɛkwan mu,

nanso, wɔbu me ɔtorofoɔ;

ɛwom menyɛɛ bɔne biara,

nanso ne bɛmma no ama me apirakuro a ɛnnwu da.

7 Onipa bɛn na ɔte Hiob

a ɔnom animtiabuo nsuo?

8 Ɔne amumuyɛfoɔ nante;

na ɔne atirimuɔdenfoɔ nso .

9 Ɛfiri ɔka , onipa mmɔden ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani a

ɔnnya ho mfasoɔ biara.

10 "Enti mo mmarima a mowɔ nteaseɛ montie me.

Ɛmpare Onyankopɔn ɔbɛyɛ bɔne,

Otumfoɔ no bɛyɛ mfomsoɔ.

11 Nnipa nneyɛeɛ so na ɔhwɛ tua wɔn ka;

deɛ ɛfata ne nneyɛeɛ na ɔma ɛba ne so.

12 Ɛmfata wɔde mfomsoɔ susu Onyankopɔn,

na ɛmfata wɔde ntɛnkyea susu Otumfoɔ.

13 Hwan na ɔde no sii asase so?

Hwan na ɔde ewiase nyinaa hyɛɛ ne nsa?

14 ɛyɛɛ ne

na ɔyii ne Honhom ne nʼahome a,

15 anka adasamma nyinaa bɛbɔ mu ayera,

na onipa bɛsane akɔ mfuturo mu.

16 "mowɔ nhunumu a, montie yei;

montie deɛ meka.

17 Obi a ɔkyiri atɛntenenee bɛtumi adi nnipa so?

Mobɛtumi abu Ɔteneneeni kɛseɛ no anaa?

18 Ɛnyɛ Ɔno na ɔka kyerɛ ahemfo , Mo ho nni mfasoɔ,

na ɔka kyerɛɛ atitire , Moyɛ atirimuɔdenfoɔ?

19 Ɔnhwɛ mmapɔmma anim

na ɔnyiyi adefoɔ ne ahiafoɔ mu,

ɛfiri wɔn nyinaa ne nsa ano adwuma.

20 Wɔwuwu mmerɛ tiawa bi mu, anadwo dasuo mu;

nnipa no ho woso na wɔsene ;

ahoɔdenfoɔ totɔ a ɛmfiri onipa.

21 "Nʼani hwɛ nnipa akwan;

na ɔhunu wɔn anammɔntuo biara.

22 Baabiara nni a aduru sum, esum kabii,

a amumuyɛfoɔ bɛtumi ahinta.

23 Ɛho nhia Onyankopɔn ɔbɛhwehwɛ nnipa mu bio,

a enti ɛsɛ wɔba nʼanim bɛgye atemmuo.

24 Ɔbobɔ aberempɔn gu a ɔnyɛ nhwehwɛmu biara,

na ɔde afoforɔ sisi wɔn ananmu.

25 Ɛfiri ɔhunu wɔn nneyɛeɛ,

ɔtu wɔn gu anadwo na wɔdwerɛ wɔn.

26 Ɔtua wɔn amumuyɛsɛm so ka

baabi a obiara bɛtumi ahunu wɔn,

27 ɛfiri , wɔmane firii nʼakyi kɔeɛ

na wɔampɛ nʼakwan biara anhwɛ.

28 Wɔmaa ahiafoɔ sufrɛ duruu nʼanim

na ɛma ɔtee mmɔborɔni su.

29 Nanso ɔyɛ komm a, hwan na ɔbɛtumi abu no ?

ɔde nʼanim hinta nso a, hwan na ɔbɛhunu no?

Nanso ɔdi onipa ne ɔman so pɛpɛɛpɛ,

30 ɔmma onipa a ɔnnim Onyame nni ɔhene,

sɛdeɛ wɔnnsum nnipa no mfidie.

31 "Adɛn enti na onipa nka nkyerɛ Onyankopɔn ,

Mayɛ bɔne na merenyɛ bɔne bio.

32 Kyerɛ me na menhunu;

na mayɛ bɔne a, merenyɛ saa bio.

33 Ɛsɛ Onyankopɔn gyina deɛ wode wʼano aka so tua wo ka,

ɛberɛ a woayɛ worennu wo ho anaa?

Ɛsɛ wosi gyinaeɛ, ɛnyɛ me;

enti ka deɛ wonim kyerɛ me.

34 "Nnipa a wɔwɔ nteaseɛ pae mu ka,

animdefoɔ a wɔtie me ka kyerɛ me ,

35 Hiob nnkasa nimdeɛ kwan so;

aba biara nni ne kasa mu.

36 Ao, wɔsɔɔ Hiob hwɛeɛ kɔɔ akyiri a anka ɛyɛ,

ɛfiri ɔyiyii nsɛm ano omumuyɛfoɔ!

37 Ɔde atuateɛ ka ne bɔne ho;

ɔde ahantan ne nsam gu yɛn so

na ɔma ne nsɛm a ɔka tia Onyankopɔn no dɔɔso."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também