Pular para o conteúdo
Publicidade

Hiob 36

1 Elihu toaa ne kasa so ,

2 "Monto mo bo ase kakra mma me, na mɛkyerɛ mo

aka bebree a ɛsɛ yɛka ma Onyankopɔn.

3 Menya me nimdeɛ firi akyirikyiri;

mɛka me Yɛfoɔ bu atɛntenenee.

4 Monnye ntom me nsɛm nokorɛ turodoo;

na meyɛ obi a ne nimdeɛ so mo mu.

5 "Onyankopɔn so, nanso, ɔntwiri nnipa;

ɔkorɔn na ɔnhinhim ne botaeɛ mu.

6 Ɔmma amumuyɛfoɔ ntena nkwa mu,

na ɔde amanehunufoɔ kyɛfa ma wɔn.

7 Ɔnnyi nʼani mfiri ɔteneneeni so.

Ɔma wɔne ahemfo di adeɛ

na ɔma wɔn so afebɔɔ.

8 Na wɔde mpokyerɛ gu nnipa

na amanehunu ahoma akyekyere wɔn papee a,

9 ɔka deɛ wɔayɛ kyerɛ wɔn

wɔnam ahantan so ayɛ bɔne.

10 Ɔma wɔtie ntenesoɔ

na ɔhyɛ wɔn wɔnnu wɔn ho wɔn bɔne ho.

11 wɔyɛ ɔsetie na wɔsom no a,

wɔbɛdi yie wɔn ɛnna a aka no mu

na wɔn mfeɛ nyinaa ayɛ anisɔ ama wɔn.

12 Na wɔantie no a, wɔbɛyera akofena ano,

na wɔawuwu a wɔnni nimdeɛ.

13 "Wɔn a wɔnnim Onyame no kora abufuo so;

mpo ɔgu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn a, wɔnsu mpɛ mmoa.

14 Wɔwuwu wɔn mmabunuberɛ mu adwaman mu,

mmarima adwamanfoɔ a wɔtete abosonnan mu mu.

15 Nanso, wɔn a wɔhunu amane no, ɔgye wɔn;

na ɔkasa kyerɛ wɔn wɔn haw mu.

16 "Ɔregye wo afiri ahohiahia mu

de wo akɔ petee mu a ahokyere nnie,

deɛ wowɔ asomdwoeɛ, na nnuane pa ayɛ wo ɛpono so ma.

17 Nanso seesei, atemmuo a ɛfata amumuyɛfoɔ na aba wo so;

atemmuo ne atɛntenenee asɔ wo mu.

18 Hwɛ yie na obi amfa ahonya annaadaa wo;

mma adanmudeɛ kɛseɛ bi ntwe wo.

19 Wʼahonya anaasɛ mpo

wʼahohaw bebrebe nyinaa enti,

worenkɔ amanehunu mu anaa?

20 Mpere anadwo ho,

ɛmmɛpra nnipa mfiri wɔn afie mu.

21 Hwɛ na woannane ankɔ bɔne ho,

deɛ ayɛ wopɛ sene amanehunu.

22 "Onyankopɔn kɛseɛ ne tumi mu.

Hwan na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ ɔno?

23 Hwan na wahyehyɛ nʼakwan ama no

anaa waka akyerɛ no , Woayɛ mfomsoɔ.

24 Kae na kamfo nʼadwuma a

nnipa de nnwontoɔ akamfo no.

25 Adasamma nyinaa ahunu;

nnipa hwɛ haa firi akyirikyiri.

26 Onyankopɔn kɛseɛ, ɛboro yɛn nteaseɛ so!

Ne mfeɛ dodoɔ mu nni hwehwɛbea.

27 "Ɔtwetwe nsuo a ɛsosɔ,

ma ɛdane osutɔ gu asutene mu;

28 na omununkum bosuo gu fam

na osutɔ bebree gu adasamma so.

29 Hwan na ɔbɛtumi ate sɛdeɛ ɔtrɛtrɛ omununkum mu ase,

sɛdeɛ ɔbobɔ mu firi nʼatenaeɛ?

30 Hwɛ sɛdeɛ ɔhwete nʼanyinam mu ne ho

ma ɛkɔ ɛpo bunu mu.

31 Yei ne ɛkwan a ɔfa so di amanaman no so

na ɔma aduane bu wɔn so.

32 Ɔde anyinam hyɛ ne nsam ma

na ɔhyɛ no ɛnsi nʼagyiraeɛ.

33 Nʼaprannaa ahum a ɛreba no ho nkaeɛ;

na anantwie mpo ma wɔhunu ɛreba.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também