Pular para o conteúdo
Publicidade

Jó 6

Hiob Bua Elifas

1 Na Hiob buaa ,

2 "wɔbɛtumi akari mʼawerɛhodie

na me haw nso wɔde agu nsania so a,

3 anka emu bɛyɛ duru asene anwea a ɛwɔ ɛpo mu nyinaa,

enti ɛnyɛ nwanwa me nsɛm ayɛ hagyahagya.

4 Otumfoɔ agyan no awɔ me mu,

me honhom nom ano awuduro no;

wɔahyehyɛ Onyankopɔn ahunahuna nyinaa atia me.

5 Wiram afunumu su ɛberɛ a wanya ɛserɛ anaa,

na nantwie nso su ɛberɛ a wanya nʼaduane anaa?

6 Wɔdi aduane a nkyene nni mu anaa,

na kosua mu fufuo nso ɔdɛ bi mu anaa?

7 Mempɛ mede me nsa ka;

aduane a ɛte saa no me yadeɛ.

8 "Ao me nsa bɛka mʼabisadeɛ,

Onyankopɔn bɛyɛ deɛ mʼani da so ama me.

9 Mepɛ Onyankopɔn dwerɛ me,

ɔbɛtwe ne nsa na wakum me,

10 ɛnneɛ anka mɛkɔ so anya saa awerɛkyekyerɛ yi.

Nanso, ɔyea yi nyinaa akyi no

memmuu Ɔkronkronni no nsɛm so da.

11 "Ahoɔden bɛn na mewɔ a enti ɛsɛ menya anidasoɔ?

Daakye nneɛma pa bɛn enti na ɛsɛ menya ntoboaseɛ?

12 Mewɔ ahoɔden ɛboɔ anaa?

Me honam kɔbere mfrafraeɛ anaa?

13 Mewɔ tumi a mede bɛboa me ho anaa?

Saa ɛberɛ yi a nkonimdie apare me yi?

14 "Deɛ nʼanidasoɔ asa no hia ne nnamfonom mpaeɛbɔ,

ɛnyɛ saa a, ɔbɛpa aba Otumfoɔ no suro ho.

15 Nanso ahotosoɔ nni me nuanom mu. Wɔte nsuwa nsuwa a ɛyirie na ɛweɛ,

wɔte nsuwa nsuwa a ɛyirie

16 ɛberɛ a sukyerɛmma renane

na asukɔtweaa nso redane nsuo,

17 nanso owiaberɛ mu no, ɛntene bio

na ɔhyew enti nsuo no tu yera.

18 Akwantufoɔ mane firi wɔn akwan so;

wɔforo nsase bonini so na wɔwuwu.

19 Tema akwantufoɔ hwehwɛ nsuo,

adwadifoɔ akwantufoɔ a wɔfiri Seba de anidasoɔ hwehwɛ nsuo.

20 Wɔn ho yera wɔn, ɛfiri na wɔwɔ awerɛhyɛmu;

wɔduruu , nanso wɔn anidasoɔ ɔkwa.

21 Afei wo nso woakyerɛ wo ho nni mfasoɔ;

Woahunu mʼamanehunu no, na ama woasuro.

22 Maka , Momma me biribi?

Maka momfiri mo ahodeɛ ntua me tiri so sika,

23 anaasɛ monnye me mfiri mʼatamfoɔ nsam,

ne atirimuɔdenfoɔ nkyehoma mu anaa?

24 "Monkyerɛkyerɛ me, na mɛyɛ komm;

monkyerɛ me mfomsoɔ a mayɛ.

25 Nokorɛka yea,

na mo adwenkyerɛ no, ɛkɔsi sɛn?

26 Mokyerɛ deɛ maka no nnyɛ nokorɛ,

mofa obi a nʼabamu abu asɛm mframa anaa?

27 Mpo mobɛbɔ awisiaa so ntonto,

na mode mo adamfo adi nsesa dwa.

28 "Afei momfa ahummɔborɔ nhwɛ me.

Mɛtumi adi atorɔ mo anim anaa?

29 Monto mo bo ase, mommu ntɛnkyea;

monsane nnwene ho, ɛfiri me pɛpɛyɛ ho aba akyinnyegyeɛ.

30 Amumuyɛsɛm mʼano anaa?

Mennim papa ne bɔne ntam nsonsonoeɛ anaa?

Veja também