Publicidade

Josué 4

Aboɔ Dumienu Nkaeɛdum

1 Ɛberɛ a ɔman no nyinaa twaa Yordan wieeɛ no, Awurade ka kyerɛɛ Yosua , 2 "Yiyi mmarima dumienu firi ɔmanfoɔ no mu a ɔbaako biara firi abusuakuo no bi mu 3 na ka kyerɛ wɔn , wɔmfa aboɔ dumienu mfiri Yordan mfimfini nifa so baabi a na asɔfoɔ no gyina , na wɔnsoa mfa ntwa mmra mmɛgu baabi a mobɛtena anadwo yi."

4 Ɛnna Yosua frɛɛ mmarima dumienu a ɔyii wɔn firii Israelfoɔ no mu no a ɔbaako biara firi abusuakuo bi mu no, 5 na ɔka kyerɛɛ wɔn , "Monkɔdi Awurade, mo Onyankopɔn, adaka no anim mfa nkɔ Yordan mfimfini. Ɔbaako biara mfa ɛboɔ nto ne batiri so sɛdeɛ Israelfoɔ mmusuakuo no dodoɔ te, 6 na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mo mu. daakye bi, mo mma bisa mo , Saa aboɔ yi ase kyerɛ sɛna, 7 monka nkyerɛ wɔn , Yordan asutene no twaeɛ Awurade apam adaka no anim. Ɛberɛ a Awurade apam adaka no twaa Yordan asutene no, asuo no weeɛ. Saa aboɔ yi bɛyɛ nkaedeɛ ama Israelfoɔ daa nyinaa."

8 Enti, mmarima no yɛɛ sɛdeɛ Yosua kyerɛɛ wɔn no. Wɔfaa aboɔ dumienu firii Asubɔnten Yordan mfimfini a ɛboɔ baako biara gyina ma abusuakuo baako, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Yosua no. Wɔsoa de kɔɔ baabi a wɔtenaa anadwo no na wɔsii nkaeɛdum . 9 Yosua nso de aboɔ dumienu sii nkaeɛdum Yordan mfimfini baabi a na asɔfoɔ a wɔso apam Adaka no gyina . Ɛwɔ bɛsi ɛnnɛ.

10 Asɔfoɔ a na wɔso adaka no gyinaa asuo no mfimfini ara kɔsii Awurade ahyɛdeɛ a ɔnam Mose so de maa Yosua no, wɔyɛɛ ne nyinaa. Saa ɛberɛ no, nnipa no yɛɛ ntɛm twaa asuo no kɔsii ne konkɔn so. 11 Na ɛberɛ a obiara duruu asuo no fa no, asɔfoɔ no nso de Awurade adaka no tware kɔɔ ɛfa bi. 12 Na akofoɔ a wɔahyɛ wɔn akodeɛ a wɔfiri Ruben abusuakuo mu, Gad abusuakuo mu ne Manase abusuakuo fa mu akofoɔ no dii Israelfoɔ no anim twaa Yordan sɛdeɛ Mose kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ. 13 Saa akofoɔ yi, na wɔn dodoɔ bɛyɛ mpem aduanan a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. Wɔtwa kɔɔ Yeriko asase so Awurade anim.

14 Saa ɛda no, Awurade yɛɛ Yosua kɛseɛ Israelfoɔ no nyinaa anim na Yosua nna a aka no nyinaa, Israelfoɔ de obuo ne anidie maa no sɛdeɛ wɔde obuo ne anidie maa Mose no.

15 Na Awurade ka kyerɛɛ Yosua , 16 "Hyɛ asɔfoɔ a Awurade apam adaka no so wɔn no , wɔmfiri subɔnhwa no mu mmra." 17 Enti, Yosua hyɛɛ wɔn. 18 Na ɛberɛ a asɔfoɔ a wɔso Awurade apam adaka no firii subɔnhwa no mu ara na Asubɔnten Yordan sane ka sram so tɛntɛntɛn te kane no.

19 Bosome a ɛdi ɛkan no ɛda ɛtɔ so edu no nnipa no foro firii Yordan kɔbɔɔ atenaeɛ Gilgal, Yeriko apueeɛ. 20 Gilgal na Yosua boaa aboɔ dumienu a wɔde firi Asubɔnten Yordan mu baeɛ no ano. 21 Afei, Yosua ka kyerɛɛ Israelfoɔ no , "Daakye bi mo mma bɛbisa , Saa aboɔ yi kyerɛ sɛn?22 Na mo nso moaka akyerɛ wɔn , Ɛha ne beaeɛ a Israelfoɔ twaa Yordan asase wesee so no.23 Awurade, mo Onyankopɔn, maa nsuo no wee mo anim na ɔkɔɔ so ma ɛweeɛ ara kɔsii mo nyinaa twareeɛ, sɛdeɛ ɔyɛeɛ Ɛpo Kɔkɔɔ no. Ɔmaa no weeɛ ara kɔsii yɛn nyinaa twareeɛ. 24 Ɔyɛɛ yei sɛdeɛ aman a wɔwɔ ewiase nyinaa bɛhunu Awurade tumi na mo nso moasuro Awurade, mo Onyankopɔn, daa nyinaa."

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-