Publicidade

Jó 14

1 "Onipa a ɔbaa awo no no

ne nna tiaa bi na ɔhaw dɔɔso mu.

2 Ɔfefɛ te nhwiren na ɛtwintwam;

ɔte sunsum a ɛretwam akɔ, ɔntena nkyɛ.

3 Woma wʼani saa onipa yi so?

Wode no bɛba wʼanim abɛbu no atɛn anaa?

4 Hwan na ɔbɛtumi ayi deɛ ɛyɛ kronn afiri efi mu?

Obiara nni .

5 Woahyehyɛ onipa nkwa nna;

woahyɛ nʼabosome dodoɔ ato

na woahyɛ no ɛberɛ a ɔrentumi ntra.

6 Enti, yi wʼani firi ne so na ɔnyɛ deɛ ɔpɛ,

kɔsi ɔbɛwie nʼadwuma ɔpaani.

7 "Dua mpo anidasoɔ ma no:

wɔtwa a, ɛbɛfefɛ bio,

na ne mman foforɔ no rempempan.

8 Ne nhini bɛtumi anyini akyɛre asase mu

na ne dunsini nso awu dɔteɛ mu,

9 nanso, ɔnya nsuo a ɛfefɛ,

na ɛyiyi mman dua a wɔatɛ.

10 Nanso, nnipa wu a wɔde no hyɛ fam;

ɔhome deɛ ɛtwa toɔ a, na afei ɔnni bio.

11 Sɛdeɛ nsuo tu yera ɛpo mu no,

anaa sɛdeɛ nsuka mu weɛ no,

12 saa ara na onipa fam na ɔnsɔre bio;

ɛnkɔsi ɔsoro bɛtwam no, nnipa rensɔre

na wɔrennyane wɔn mfiri wɔn nna mu.

13 "anka wode me bɛsie damena mu

de me ahinta kɔsi wʼabofuo bɛtwam!

anka wobɛhyɛ me berɛ

na afei woakae me!

14 onipa wu a, ɔbɛba nkwa mu bio anaa?

Mʼaperedie nna mu nyinaa

mɛtwɛn akɔsi me foforɔyɛ bɛba.

15 Wobɛfrɛ na mɛgye wo so;

wʼani bɛgyina abɔdeɛ a wo nsa ayɛ.

16 Afei wobɛkan mʼanammɔntuo

na worenni me bɔne akyi.

17 Wɔbɛsɔ me bɔne ano kotokuo mu,

na woakata mʼamumuyɛ so.

18 "Nanso, sɛdeɛ mmepɔ so hohoro na ɛdwirie

na abotan nso twe firi ne siberɛ no,

19 sɛdeɛ nsuo yiyi aboɔ ho

na osutɔ brane twe dɔteɛ no

saa ara na wosɛe onipa anidasoɔ.

20 Wotintim ne so prɛko , na ɔtwam ;

wosakyera ne nipasu na wogya no kwan.

21 wɔhyɛ ne mmammarima animuonyam a, ɔnnim;

na wɔbrɛ wɔn ase a, ɔnhunu.

22 Ɔno ara wedeɛ mu yea na ɔteɛ

na ɔno ara ne ho na ɔgyam."

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-