Pular para o conteúdo
Publicidade

Jó 19

Hiob Bua Bildad

1 Na Hiob kasaa bio ,

2 "Mobɛhyɛ me aniɛyaa

na mode nsɛm abubu me akɔsi da bɛn?

3 Mpɛn edu nie a moasopa me;

mo ani nwu moto hyɛ me so.

4 ɛyɛ nokorɛ mafom ɛkwan a,

me mfomsoɔ me nko ara asɛm.

5 ampa mobɛma mo ho so me so

na mode mʼanimguaseɛ ayɛ adanseɛ atia me a,

6 ɛnneɛ monhunu Onyankopɔn ayɛ me bɔne

na ɔde nʼatena atwa me ho ahyia.

7 "Ɛwom mesu , Wɔafom medeɛ, nanso obiara mmua me;

meteam mmoa, nanso atɛntenenee biara nni .

8 Wasi me ɛkwan enti mentumi mensene;

wama mʼakwan so aduru sum.

9 Wayi mʼanimuonyam afiri me so

na watu mʼahenkyɛ afiri me ti so.

10 Wasɛe me akwannuasa nyinaa so de awie me;

watu mʼanidasoɔ ase te dua.

11 Nʼabufuo huru tia me;

na wakan me afra nʼatamfoɔ mu.

12 Nʼakodɔm ba anibereɛ so;

wɔsisi mpie de tia me

na wɔtwa me ntomadan ho hyia.

13 "Wayi me nuammarima afiri me ho;

na mʼamanifoɔ nso, watwe wɔn ho koraa.

14 Mʼabusuafoɔ ;

na me nnamfonom werɛ afiri me.

15 Mʼahɔhoɔ ne me mmaawa bu me ɔhɔhoɔ;

mete ɔnanani ma wɔn.

16 Mefrɛ me ɔsomfoɔ, na ɔmmua;

mpo, mete mʼano srɛ no.

17 Me home bɔn me yere;

me ho afono mʼankasa nuammarima.

18 Mpo, mmarimmaa nkumaa bu me animtiaa;

mepue a wɔdi me ho fɛw.

19 Me nnamfo berɛboɔ kyiri me;

mʼadɔfoɔ asɔre atia me.

20 Maka honam ne nnompe,

na ɛkaa kakraa bi, anka merewu.

21 "Monhunu me mmɔbɔ, me nnamfonom, monhunu mmɔbɔ,

na Onyankopɔn nsa abɔ me.

22 Adɛn enti na motaa me so, sɛdeɛ Onyankopɔn no?

Na mommfa me honam mu yea yi saa ara?

23 "Ao, anka wɔmfa me nsɛm nhyɛ nwoma mu,

anka wɔntwerɛ nwoma mmobɔeɛ so,

24 anka wɔmfa dadeɛ twerɛdua nyiyi sumpii so,

anaa wɔnkrukyire abotan so afebɔɔ.

25 Menim me odimafoɔ te ase,

na awieeɛ no ɔbɛsɔre agyina asase so.

26 Na me wedeɛ wie sɛe a,

mede mʼani bɛhunu Onyankopɔn.

27 Me ara mɛhunu no

mede mʼani, na ɛnyɛ obi foforɔ ani, bɛhunu no.

Mʼakoma ho pere no me mu.

28 "moka , Yɛbɛteetee no,

ɛfiri ɔhaw no firi ɔno araa,

29 ɛsɛ mosuro akofena no.

Abufuo nam akofena so de asotwe bɛba,

na mobɛhunu atemmuo ."

Veja também