Pular para o conteúdo
Publicidade

Jó 23

Hiob Mmuaeɛ

1 Na Hiob buaa ,

2 "Ɛnnɛ mpo, mʼabooboodie mu da so den;

ne nsa ayɛ den mʼapinisie nyinaa akyi.

3 menim baabi a mɛhunu no;

anaasɛ mɛtumi akɔ ne tenaberɛ a,

4 anka mɛka mʼasɛm nʼanim

na magye akyinnyeɛ bebree.

5 Anka mɛte mmuaeɛ a ɔde bɛma me,

na madwene deɛ ɔbɛka ho.

6 Ɔde tumi a ɛso bɛtia me anaa?

Dabi, ɔremmɔ me kwaadu.

7 Ɛhɔ deɛ nnipa tenenee bɛtumi aka nʼasɛm nʼanim,

na wɔbɛgye me afiri me ɔtemmufoɔ nsam afebɔɔ.

8 "Nanso mekɔ apueeɛ fam a, ɔnni ;

mekɔ atɔeɛ fam nso a, menhunu no.

9 ɔreyɛ adwuma atifi fam a, menhunu no;

ɔdane ne ho anafoɔ fam a, mʼani nhye ne ho.

10 Nanso, ɔnim ɛkwan a me nam soɔ;

na ɔsɔ me hwɛ a, mɛfiri mu aba sikakɔkɔɔ.

11 Madi nʼanammɔn akyi pɛɛ;

na manante nʼakwan so a mammane.

12 Mentwee me ho mfirii mmaransɛm a ɛfiri nʼanom ho,

mama asɛm a ɛfiri nʼanom ho ahia me asene me daa aduane.

13 "Nanso ɔbiara nni ka ne ho, na hwan na ɔbɛtumi atia no?

Ɔyɛ biribiara a ɔpɛ.

14 Ɔhwɛ ma ne ɔhyɛ nsɛm tia me;

ɔda so kora nhyehyɛeɛ a ɛte sei bebree.

15 Ɛno enti na mebɔ hu nʼanim;

na medwene yeinom nyinaa ho a, mesuro no.

16 Onyankopɔn ama mʼakoma aboto;

Otumfoɔ ama mabɔ huboa.

17 Nanso esum no mma menka mʼano ntom,

esum kabii a ɛkata mʼanim no mpo.

Veja também