Publicidade

Jó 32

Elihu Adwenkyerɛ

1 Enti saa mmarima baasa yi ammua Hiob bio, ɛfiri , na ɔtene ɔno ara ani so. 2 Na Busini Barakel babarima Elihu a ɔfiri Ram abusua mu no bo fuu Hiob yie ɔbu ne ho bem na ɔmmu Onyankopɔn mmom bem. 3 Ne bo fuu nnamfonom baasa no wɔantumi anya nnyinasoɔ bi ammɔ Hiob nsɛm no angu, nanso wɔbuu no . 4 Elihu twɛnee afoforɔ no bɛkasa akyerɛ Hiob, ɛfiri , na wɔanyinyini sene no. 5 Na ɔhunuu nnipa baasa no nni asɛm biara ka bio no, nʼabufuo sɔreeɛ.

6 Enti Busini Barakel babarima Elihu kaa ,

"Meyɛ abɔfra,

na moyɛ mpanimfoɔ;

ɛno enti na mesuroo

mɛka deɛ menim akyerɛ mo.

7 Medwenee , Ɛsɛ mpanimfoɔ kasa;

ɛsɛ wɔn a wɔn ani afire kyerɛ nyansa.

8 Nanso honhom a ɛte onipa mu,

Otumfoɔ no ahomeɛ no na ɛma nteaseɛ.

9 Ɛnyɛ mpanimfoɔ nko na wɔyɛ anyansafoɔ,

ɛnyɛ wɔn a wɔn ani afire nko na wɔte deɛ ɛyɛ ase.

10 "Enti mese: Montie me;

me nso mɛka mʼadwene.

11 Metwɛneeɛ ɛberɛ a morekasa,

metiee mo adwenkyerɛ;

ɛberɛ a na monhunu deɛ monka no,

12 meyɛɛ aso maa mo pa ara,

nanso mo mu biara antumi ankyerɛ Hiob ayɛ mfomsoɔ;

mo mu biara anyi nʼanosɛm ano.

13 Monnka , Ɔnim nyansa;

Onyankopɔn nko ara na ɔbɛtumi asesa nʼadwene.

14 Hiob ne me kasaeɛ a,

anka merennyina mo adwenkyerɛ no so mmua no.

15 "Mo ho adwiri mo, monni hwee ka bio;

mo nsɛm asa.

16 Ɛsɛ metwɛn ɛberɛ a moayɛ komm yi,

saa ɛberɛ a mo monni mmuaeɛ biara de ma yi?

17 Me nso mɛka bi

me nso mɛka mʼadwene.

18 Ɛfiri , nsɛm ahyɛ mʼanomu ma,

na honhom a ɛte me mu no hyɛ me menka;

19 Me mu no, mete nsa a ɛhyɛ toa mu;

Me te nsã kotokuo foforɔ a ɛrebɛpae.

20 Ɛsɛ mekasa na me ho me;

ɛsɛ mebue mʼano na me ma mmuaeɛ.

21 Merenyɛ animhwɛ

na merenkorɔkorɔ obiara.

22 Na makwadare akorɔkorɔ mu a,

anka me Yɛfoɔ bɛyi me afiri ntɛm so.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-