Pular para o conteúdo
Publicidade

3 Mose (Lewitikɔs) 18

6 " Mo mu biara nni ho ɛkwan ɔware obusuani a ɔbɛn no. Mene Awurade.

7 " Ɛnsɛ abaayewa ware nʼagya anaasɛ ɔbabarima ware ne maame.

8 " Anaa nʼagya yerenom mu bi.

9 " Anaa ne nuabaa anaa nʼagya babaa anaa ne maame babaa, wɔwoo no efie no mu anaa efie foforɔ mu.

10 " Ɛnsɛ moware mo nanabaa, ɔyɛ mo babarima babaa anaa mo babaa babaa, ɛfiri , ɔyɛ obusuani.

11 " Ɛnsɛ woware wo nuabaa a ɔyɛ wʼagya yerenom bi babaa.

12 " Anaa wo sewaawo agya nuabaa, ɛfiri , ɔyɛ wʼagya abusuani pɛɛ.

13 " Saa ara na ɛnsɛ woware wo maame a ɔyɛ wo maame nuabaa, ɛfiri , ɔyɛ wo maame abusuani pɛɛ.

14 " Wʼagya nuabarima yere nso, wonni ho ɛkwan woware no.

15 " Wonni ho ɛkwan woware wo babarima yere, ɛfiri , ɔyɛ wʼase.

16 " Saa ara nso na wontumi nnware wo nuabarima yere, ɛfiri , ɔyɛ wo nuabarima dea.

17 " Worentumi nware ɔbaa bi nsane nware ne babaa anaa ne nanabaa nka ho, ɛfiri , wɔn nyinaa abusuafoɔ pɛɛ na ɛyɛ awudisɛm nso.

18 " Ɛnsɛ woware anuanom mmaa baanu, ɛfiri , wɔbɛtwe kora. Na ɛba wo yere wu na woware ne nuabaa bi deɛ a, ɛyɛ.

19 " Ɛnsɛ wofa ɔbaa a wakɔ afikyire.

20 " Ɛnsɛ wofa wo yɔnko yere de gu wo ho fi.

21 " Mfa wo mma mu biara mma Molek na ɔmmfa no mmɔ afɔdeɛ n’afɔrebukyia so. Ngu wo Onyankopɔn din ho fi, ɛfiri , mene Awurade.

22 " Ɔbarima a ɔne ne yɔnko barima da akyiwadeɛ kɛseɛ na ɛyɛ bɔne a ɛso nso.

23 " Ɛnsɛ ɔbarima fa aboa de gu ne ho fi. Saa ara nso na ɛnsɛ ɔbaa de ne ho ma aboanini ma ɔfa no. Ɛyɛ akyiwadeɛ kɛseɛ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também