Pular para o conteúdo
Publicidade

Oséias 1

1 Ɛberɛ a Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia ahemfo Yuda, na Yoas babarima Yeroboam di ɔhene Israel no, Awurade de saa nsɛm yi baa Beeri babarima Hosea nkyɛn.

Hosea Yere Ne Ne Mma

2 Ɛberɛ a Awurade dii ɛkan kasa faa Hosea so no, ɔka kyerɛɛ no , "Kɔware odwamanfoɔ,1.2 Kɔware odwamanfoɔ—Yei ne bɔne kɛseɛ a Onyankopɔn nam Hosea so bɔɔ Israelfoɔ kwaadu. na wo ne no nwo, ɛfiri ɔman no di adwamammɔ ho na wɔnam so atete ne Onyankopɔn ntam." 3 Enti, ɔwaree Diblaim babaa Gomer, na ɔnyinsɛnee, woo ɔbabarima maa no.

4 Na Awurade ka kyerɛɛ no , "To ne din Yesreel,1.4 Yesreel. Asekyerɛ ne "Onyankopɔn na ɔdua." ɛfiri , merebɛtwe ɔhene Yehu fie aso, de atua awudie a ɔdii Yesreel no so ka. Na mede Israel ahennie bɛba awieeɛ. 5 Saa ɛda no, mɛbubu Israel tadua Yesreel bɔnhwa no mu."

6 Gomer nyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabaa. Na Awurade ka kyerɛɛ Hosea , "To ne din Lo-ruhama ɛfiri , merenna me adi nkyerɛ Israelfoɔ mma bio, na meremfa wɔn ho nnkyɛ wɔn koraa. 7 Nanso, mɛyi me akyerɛ Yudafoɔ. Me Awurade wɔn Onyankopɔn, mede me tumi bɛgye wɔn afiri wɔn atamfoɔ nsam a meremfa tadua, akofena anaa ɔko anaa apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefoɔ."

8 Ɛberɛ a Gomer twaa Lo-ruhama nufoɔ akyi no, ɔwoo ɔba barima foforɔ. 9 Na Awurade kaa , "To ne din Lo-ami, ɛfiri monnyɛ me nkurɔfoɔ na mennyɛ mo Onyankopɔn.

10 "Nanso, Israelfoɔ bɛyɛ mpoano anwea a wɔntumi nkane wɔn. Beaeɛ a wɔka kyerɛɛ wɔn , Monnyɛ me nkurɔfoɔno, wɔbɛka , Moyɛ Onyankopɔn teasefoɔ mma.11 Na Yudafoɔ ne Israelfoɔ bɛka abɔ mu bio, na wɔbɛyi ɔkwankyerɛfoɔ baako ama wɔn, na wɔn nyinaa bɛsane afiri nnommum no mu aba. Saa ɛda no bɛyɛ da kɛseɛ ama Yesreel."

Veja também