Pular para o conteúdo
Publicidade

Oséias 2

1 "Frɛ wo nuammarimanom Me nkurɔfoɔna frɛ wo nuammaanom Mʼadɔfoɔ.’ "

Wɔtwe Israel Aso, Gye No To Mu Bio

2 "Ka wo maame anim, ka nʼanim,

na ɔnnyɛ me yere

na mennyɛ ne kunu.

Ma ɔnsesa nʼanim a ayɛ adwaman anim no

na ɔnnyae awaresɛeɛ a ɔde ne nufu no.

3 Anyɛ saa a mɛpa ne ho ntoma

na wada adagya te ɛda a wɔwoo no;

mɛma wayɛ anweatam,

mɛdane no asase a awo wesee

na mama osukɔm akum no.

4 Merennɔ ne mma,

ɛfiri wɔyɛ adwaman mma.

5 Wɔn maame anyɛ ɔnokwafoɔ

na ɔnyinsɛnee wɔn animguaseɛ mu.

Ɔkaa , Mɛdi mʼadɔfoɔ akyi,

wɔn a wɔma me aduane ne nsuo,

ne kuntu ne nwera, ngo ne nsã.

6 Yei enti, mede nkasɛɛ bɛsi no ɛkwan;

mɛto ɔfasuo afa no ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔnhunu ɛkwan.

7 Ɔbɛti nʼadɔfoɔ nanso ɔrento wɔn;

ɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso ɔrenhunu wɔn.

Afei, ɔbɛka ,

Mɛsane akɔ me kunu nkyɛn, te kane no,

ɛfiri , saa ɛberɛ no na ɛyɛ ma me sene seesei.

8 Ɔnnkae me na

memaa no aduane, nsã foforɔ ne ngo,

deɛ ɔmaa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ buu no so

ma wɔde kɔsom Baal no.

9 "Enti, mʼaduane no duru twaberɛ a mɛfa mʼadeɛ,

ne me nsã foforɔ no nso saa ara.

Mɛgye me kuntu ne me nwera,

a anka mepɛ ɔde kata nʼadagya so no.

10 Enti afei mɛbɔ no adagya

nʼadɔfoɔ anim;

obiara rentumi nnye no mfiri me nsam.

11 Mɛtwa nʼafahyɛ nyinaa so:

nʼafenhyia afahyɛ, Ɔbosome Foforɔ afahyɛ

Home Ɛda afahyɛ ne nʼafahyɛ ahodoɔ nyinaa.

12 Mɛsɛe ne bobe ne borɔdɔma nnua,

deɛ ɔka nʼadɔfoɔ de tuaa no ka no;

mɛyɛ ne nyinaa nkyɛkyerɛ,

ama wiram mmoa awe.

13 Mɛtwe nʼaso nna a

ɔhyee aduhwam maa Baal no ho;

ɔde nkawa ne agudeɛ hyehyɛɛ ne ho,

tu dii nʼadɔfoɔ akyi,

medeɛ ne werɛ firii me,"

deɛ Awurade seɛ nie.

14 "Enti merekɔdaadaa no;

mede no bɛkɔ anweatam so

na makasa bɔkɔɔ akyerɛ no .

15 Mɛsane de ne bobe mfuo ama no.

Mɛyɛ Akɔr bɔnhwa no,

anidasoɔ ɛkwan.

Ɛhɔ na ɔbɛto dwom sɛdeɛ na ɔyɛ ne mmabunu berɛ mu no

ne ɛberɛ a ɔfirii Misraim no.

16 "Saa ɛda no," sei na Awurade seɛ,

"Wobɛfrɛ me me kunu;

na woremfrɛ me me wurabio.

17 Mɛyi Baal ahodoɔ din no afiri nʼano;

na ɔrenkankye wɔn din mu bio.

18 Saa ɛda no, mɛyɛ apam ama wɔn,

wɔne wiram mmoa ne ewiem nnomaa

ne mmoa a wɔwea asase so.

Tadua, mpea ne ɔko,

mɛbra asase no so

sɛdeɛ wɔn nyinaa bɛtena ase asomdwoeɛ mu.

19 Mɛware wo afebɔɔ;

mɛyi tenenee ne atɛntenenee,

ahummɔborɔ ne ayamhyehyeɛ akyerɛ wo.

20 Mɛware wo nokorɛ mu,

ama woahunu Awurade.

21 "Saa ɛda no, mɛgye wo so,"

deɛ Awurade seɛ nie.

"Mɛgye ɔsoro so,

na ɔsoro de osuo bɛgye asase so,

22 na asase nso bɛgye mfudeɛ so:

bobe foforɔ ne ngo dua,

na wɔn nso agye so Yesreel, Onyankopɔn na wadua.

23 Mede Israel bɛdua asase no so ama me ho;

mɛda me adi akyerɛ deɛ mekaa wonnyɛ me dɔfono.

Meka akyerɛ wɔn a mesee wɔn monnyɛ me nkurɔfoɔ

moyɛ me nkurɔfoɔ,

na wɔn nso aka , Wone me Onyankopɔn.’ "

Veja também