Pular para o conteúdo
Publicidade

Jó 26

Hiob Kyerɛ Nyankopɔn Kɛseyɛ

1 Na Hiob kasaa bio se,

2 "Woaboa nea onni tumi!

Woagye basa a enni ahoɔden!

3 Woatu nea onnim nyansa fo!

Na woada nhumu pa ara adi!

4 Hena na ɔboaa wo ma wokaa saa nsɛm yi?

Hena honhom na ɛkasa faa wo mu?

5 "Awufo ahoyeraw kɛse mu,

wɔn a wɔwɔ nsu ase ne nea ɛte mu nyinaa.

6 Asaman da adagyaw Onyankopɔn anim;

Ɔsɛe nso nni nkataso.

7 Ɔtrɛw wim atifi fam kata nea ɛda mpan so;

na ɔde asase sensɛn ohunu so.

8 Ɔbɔ nsu boa hyɛ ne omununkum mu,

nanso nsu no mu duru ntumi mpae no.

9 Ɔtrɛw ne omununkum mu

de kata ɔsram ani.

10 Ɔhyɛ agyirae nsu so

de to ɔhye hann ne sum ntam.

11 Ɔsoro nnyinaso wosow,

na nʼanimka ma wɔn ho dwiriw wɔn.

12 Ɔde ne tumi wosow po

ne nyansa mu, otwitwaa Rahab mu asinasin.

13 Ɔde ne home maa wim tewee;

na ne nsa wɔɔ ɔwɔ a ɔrewea.

14 Eyinom ne nnwuma kakraa bi;

ne tumi kakraa bi kɛkɛ!

Na hena na obetumi ate ne tumi mmubomu no ase?"

Veja também