Pular para o conteúdo
Publicidade

Yeremia 31

31 "Bere no reba," Awurade na ose,

"a me ne Israelfi

ne Yudafi bɛyɛ apam foforo.

32 Ɛrenyɛ apam a

me ne wɔn agyanom yɛe no

bere a misoo wɔn nsa,

dii wɔn anim fii Misraim,

esiane wobuu mʼapam so,

bere a na meyɛ okunu ma wɔn no,"

Awurade na ose.

33 "Eyi ne apam a me ne Israelfi bɛyɛ saa bere no akyi,"

Awurade na ose.

"Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu,

na makyerɛw wɔn koma so.

Mɛyɛ wɔn Nyankopɔn,

na wɔbɛyɛ me nkurɔfo.

34 Na obiara renkyerɛkyerɛ ne yɔnko bio,

anaa ne nua se, Hu Awurade,

Efisɛ, wɔn nyinaa behu me,

efi wɔn mu akumaa so, kosi ɔkɛse so,"

Sɛnea Awurade se ni.

"Na mede wɔn amumɔyɛ bɛkyɛ wɔn,

na merenkae wɔn bɔne bio."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também