Pular para o conteúdo
Publicidade

4 Mose (Numeri) 14:1-9

Nnipa No Tew Atua

1 Saa anadwo no, nnipa no nyinaa fii ase suu denneennen. 2 Wɔde nne koro nwiinwii tiaa Mose ne Aaron. Wɔkae se, "Sɛ yewuwuu wɔ Misraim anaa sare so ha a, anka eye. 3 Adɛn nti na Awurade de yɛn reba ha sɛ yɛmmɛtotɔ wɔ mfoa ano? Wɔbɛfow yɛn yerenom ne yɛn mma. So ennye mma yɛn sɛ yɛbɛsan akɔ Misraim ana?" 4 Na wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ, "Ɛsɛ sɛ yɛpaw ɔkannifo na yɛsan kɔ Misraim."

5 Afei, Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam wɔ Israelfo a wɔahyia hɔ no nyinaa anim. 6 Akwansrafo no mu baanu, a wɔne Nun babarima Yosua ne Yefune babarima Kaleb sunsuan wɔn ntade mu 7 na wɔka kyerɛɛ Israelfo no nyinaa se, "Asase a yɛfaa mu no yɛ asase pa yiye. 8 Na sɛ yɛsɔ Awurade ani a, ɔde yɛn bedu asase no so dwoodwoo, asase bere a nufusu ne ɛwo sen wɔ so, na ɔde bɛma yɛn. 9 Monnyɛ dɔm ntia Awurade. Na munnsuro nnipa a wɔwɔ asase no so no nso, efisɛ yɛbɛmemene wɔn. Wonni bammɔ, nanso Awurade ka yɛn ho. Munnsuro wɔn."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.