Pular para o conteúdo
Publicidade

Números 35

Lewifo Nkurow

1 Bere a Israelfo bɔɔ atenase Yordan ho, Moab tataw so Yeriko akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2 "Ka kyerɛ Israelfo no na wɔmfa wɔn agyapade no mu bi a ɛyɛ nkurow ne ɛho mmoa adidibea mma Lewifo no. 3 Nkurow no mu na wɔbɛtena na wɔn anantwi, wɔn nguan ne wɔn mmoa a aka no nso akɔ adidi adidibea .

4 "Wɔn mmoa adidibea no kɛse befi kurow no afasu ho a ne fa biara trɛw anammɔn apem ne ahannum. 5 Munsusuw anammɔn mpensa mfi kurow no afasu no ho nʼafanan nyinaa. Eyi bɛyɛ mmoa adidibea kɛse ama nkurow no.

Guankɔbea Nkuropɔn

6 "Nkurow a mode bɛma Lewifo no no mu asia bɛyɛ guankɔbea nkuropɔn, baabi a obi a wafom akum ɔfoforo no, betumi aguan akɔ. Momfa nkurow aduanan abien nka ho mma wɔn. 7 Ne nyinaa bɛyɛ nkurow aduanan awotwe ne ho mmoa adidibea. 8 Saa nkurow yi befi Israelfo no agyapade mu. Mmusuakuw no mu akɛse bɛma Lewifo no nkurow bebree na mmusuakuw nketewa no ama kakraa bi. Abusuakuw biara bɛma sɛnea nʼagyapade kɛse te."

9 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 10 "Ka kyerɛ Israelfo no se, mutwa Yordan du Kanaan a, 11 mompaw nkurow bi mfa nyɛ guankɔbea nkurow a, obiara a ɔbɛfom akum onipa no betumi aguan akɔ . 12 Saa nkurow yi bɛyɛ guankɔbea a ebegye no afi owufo no abusuafo a wɔpɛ wɔtɔ owufo no wu so were no nsa mu; na ɛnsɛ wokum owudifo no gye wɔadi nʼasɛm abu no kumfɔ ansa. 13 Ɛsɛ wosisi guankɔbea nkurow yi mu abiɛsa Kanaan asase so 14 na wosisi abiɛsa nso Asubɔnten Yordan apuei fam. 15 Ɛnyɛ Israelfo nko na ɛhɔ bɛyɛ wɔn guankɔbea, na mmom, ɛbɛyɛ guankɔbea ama ahɔho ne akwantufo nyinaa.

16 " Nanso obi de dade pema sin bi obi kum no a, wɔfa no wadi awu enti ɛsɛ wokum owudifo no. 17 Anaasɛ, wɔde ɔbo kɛse bi obi ma owu a, ɛyɛ awudi enti ɛsɛ wokum owudifo no. 18 Saa ara nso na wɔde dua na ekum no a ɛte ara ne no. 19 ɔweretɔni no hyia owudifo no baabiara a, ɔwɔ ho kwan okum no bi. 20 Enti obi nam ɔtan so tow biribi obi, anaa, ɔtetɛw no, 21 anaa ɔde abufuw no kuturuku na onii no wu a, ɔyɛ owudifo nti ɛsɛ wokum no.

22 " Na emfi ɔtan so na obi sum ɔfoforo, anaa wanhyɛ da na ɔtow biribi ma ɛkɔbɔ obi, 23 anaasɛ wanhu no na ogyaa ɔbo bi a ɛso a ebetumi akum no mu ma ekokum no a, esiane saa onipa no nyɛ ɔtamfo na onkura adwene bɔne bi nti, 24 ɛyɛ bagua no asɛde wodi asɛm na wɔfa saa mmarakwan yi so bu ɔweretɔni no nea ne nsa apa no ntam atɛn. 25 Ɛsɛ bagua no nea ne nsa apa no ho ban fi ɔweretɔni no nsam na wɔde nea ne nsa apa no san guankɔbea kuropɔn a oguan kɔɔ mu no mu. Ɛsɛ nea ne nsa apa no tena ara kosi ɔsɔfopanyin a wɔsraa no ngo bewu.

26 " Nanso nea ne nsa apa no no fi guankɔbea kuropɔn a waguan akɔ mu no no ahye so 27 na ɔweretɔni no hu no a obetumi akum no a ɔrenni awudi ho . 28 Ɛsɛ nea ne nsa apa no tena guankɔbea kuropɔn no mu ara kosi ɔsɔfopanyin bewu. Ɔsɔfopanyin wu akyi nkutoo na obetumi asan akɔ nʼankasa agyapade ho.

29 " Ɛsɛ eyi mmara a mudi so awo ntoatoaso a ɛbɛba no nyinaa mu baabiara a mobɛtena.

30 " Ɛsɛ wokum obiara a obekum obi, nanso gye nnansefo a wɔboro onipa baako di tia no ansa na ɛsɛ wokum no. onipa baako na odi adanse tia no de a, ɛno de, ɛnsɛ wokum no.

31 " Munnnye owudifo a ɛsɛ owu no ti mpata, nnyina so nnyaa no. Ɛsɛ wokum no.

32 " Munnnye obi a waguan akɔ guankɔbea kuropɔn mu no ti mpata nnyina so mma no nsan mmɛtena nʼasase so bere a ɔsɔfopanyin bi nwui.

33 " Munngu asase a mote so no ho fi. Awudi gu asase ho fi, na wɔrentumi nyɛ mpata foforo biara mma asase a wɔahwie mogya agu so gye wɔde nea ohwiee mogya gui no mogya okum owudifo no. 34 Munngu asase a mote so ne faako a mete no ho fi, efisɛ Me, Awurade no, mete Israelfo no mu.’ "

Veja também