Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Reis 18

Karmel Bepɔ So Akansie

1 Mfeɛ mmiɛnsa akyi, Awurade asɛm baa Elia nkyɛn , "Fa wo ho kɔkyerɛ ɔhene Ahab na ka kyerɛ no ɛnkyɛre biara, mɛma osuo atɔ asase no so." 2 Elia de ne ho kɔkyerɛɛ ɔhene Ahab.

Na ɛkɔm no ano yɛɛ den yie Samaria. 3 Ahab frɛɛ Obadia a na ɔhwɛ nʼahemfie so no. Na Obadia gye Awurade di yie. 4 Ɛberɛ a na Isebel rekunkum Awurade adiyifoɔ no, Obadia faa adiyifoɔ no ɔha de wɔn kɔsiee abodan mmienu mu a, wɔn mu aduonum biara da ɔbodan baako mu. Na ɔmaa wɔn aduane ne nsuo. 5 Ahab ka kyerɛɛ Obadia , "Ɛsɛ yɛhwehwɛ asase no so nsuwa ne bɔnhwa nyinaa ebia yɛbɛnya ɛserɛ ama apɔnkɔ ne mfunumu yi awe sɛdeɛ wɔrenwu." 6 Enti, wɔkyɛɛ asase no mu maa wɔn ho. Ahab faa ɛfa na Obadia nso faa ɛfa.

7 Obadia nam, nam no, Elia hyiaa no. Obadia hunuu no, kaee no enti, ɔkotoo no fam kaa , "Enti, wo nie, me wura Elia?"

8 Elia buaa , "Aane, kɔka kyerɛ wo wura , Elia ha.’ "

9 Obadia bisaa , "Me wura, ɛdeɛn bɔne na mayɛ a enti woresoma me Ahab nkyɛn ama wɔakum me? 10 Mmerɛ dodoɔ a Awurade, wo Onyankopɔn te ase yi, ɔman anaa ahemman biara nni a me wura nsomaa obi so ɔnhwehwɛ wo. Na ɔman anaa ahemman biara a wɔbɛka wonni soɔ no, ɔma wɔka ntam, ka wɔanhunu wo. 11 Na afei, woka kyerɛ me menkɔ me wura nkyɛn nkɔka nkyerɛ no , Elia ha.12 Mennim baabi a megya wo a, Awurade honhom bɛpagya wo akɔsi. mekɔka kyerɛ Ahab, na wanhunu wo a, ɔbɛkum me. Nanso, me, wo ɔsomfoɔ, masom Awurade firi me mmɔfraase. 13 Me wura, wontee deɛ meyɛɛ ɛberɛ a na Isebel rekunkum Awurade adiyifoɔ no anaa? Mede Awurade adiyifoɔ no ɔha siee abodan mmienu mu a, na wɔn mu aduonum ɔbodan baako biara mu. Memaa wɔn aduane ne nsuo nso. 14 Na afei, woka kyerɛ me menkɔ me wura nkyɛn nkɔka nkyerɛ no , Elia ha!Ɔbɛkum me!"

15 Elia kaa , "Mmerɛ dodoɔ a Awurade a mesom no te ase yi, deɛ ɛbɛyɛ biara, mede me ho bɛma Ahab ɛnnɛ."

16 Enti, Obadia kɔhyiaa Ahab, ka kyerɛɛ no, na Ahab kɔhyiaa Elia. 17 Ɔhunuu Elia no, ɔbisaa no , "Wo nie, wo a woha Israelfoɔ?"

18 Elia buaa , "Menhaa Israel ɛkwan biara so. Na mmom, wo ne wʼagya fiefoɔ na moaha Israel. Moagyae Awurade mmara so die, akɔdi Baal akyi. 19 Enti, frɛ Israel nnipa nyinaa na wɔmmɛhyia me Karmel bepɔ so. Na fa Baal adiyifoɔ ahanan aduonum ne Asera adiyifoɔ ahanan a wɔdidi Isebel didipono so no nso bra."

20 Na Ahab soma kɔɔ Israel nyinaa kɔboaboaa adiyifoɔ no ano Karmel bepɔ so. 21 Elia dii nnipa no anim kaa , "Moadwene bɛyɛ ntanta saa asɛm yi ho akɔsi da bɛn? Awurade Onyankopɔn a, monni nʼakyi, na Baal nso Onyankopɔn a, monni nʼakyi." Nanso, nnipa no yɛɛ dinn.

22 Elia ka kyerɛɛ ɔman no , "Me nko ara ne Awurade odiyifoɔ a maka, nanso Baal adiyifoɔ ahanan aduonum. 23 Momma yɛn anantwinini mmienu. Momma wɔnyi mu baako, na wɔntwitwa no asinasini mfa ngu gyenyina so, nsɔ wɔn mu ogya. Nantwinini baako a aka no, mɛyɛ ne ho adwuma, de agu gyenyina so a merento mu ogya. 24 Na mobɛfrɛ mo nyame na me nso mafrɛ Awurade. Onyame a ɔnam ogya so gye so no, ɔno ne Onyankopɔn."

Ɔmanfoɔ no nyinaa penee so.

25 Elia ka kyerɛɛ Baal adiyifoɔ no , "Momfa anantwinini no baako, na monni ɛkan nsiesie no, ɛfiri , mo dɔɔso. Momfrɛ mo nyame a monnto mu ogya." 26 Enti, wɔfaa nantwinini a wɔkaa wɔmfa no no, siesiee no too afɔrebukyia no so. Afei, wɔfrɛɛ Baal, frɛɛ no, frɛɛ no firi anɔpa mu nyinaa , "Ao, Baal! Tie yɛn oo!" Wɔteateaam saa ara, nanso wɔannya mmuaeɛ biara! Afei wɔde anibereɛ sa faa afɔrebukyia a wɔasi no ho hyiaeɛ.

27 Ɛduruu owigyinaeɛ no, Elia dii wɔn ho , "Monteateam den! Ɔyɛ onyame! Ebia, ɔredwene biribi ho dendeenden anaa ɔregye nʼahome, ɔnnyaa adagyeɛ anaa watu ɛkwan. Ebi nso a, wada a ɛsɛ wɔnyane no." 28 Enti, wɔteateaam den, de asekan twitwaa wɔn ho wɔn ho, wowɔɔ wɔn ho wɔn ho pea sɛdeɛ wɔn amanneɛ teɛ, maa mogya pram wɔn. 29 Owigyinaeɛ no twaa mu mpo no wɔtoaa wɔn nkɔmhyɛ no so, kɔsii anwummerɛ afɔrebɔ berɛ no mu. Nanso, mmuaeɛ biara amma. Wɔante obiara nne na obiara annye wɔn so.

30 Afei, Elia ka kyerɛɛ ɔmanfoɔ no nyinaa , "Mommra me nkyɛn ha." Wɔkɔɔ ne nkyɛn, na ɔsiesiee Awurade afɔrebukyia a na abubuo no. 31 Elia faa aboɔ dumienu a baako biara gyina ma Israel abusuakuo baako, 32 na ɔde aboɔ no sane sii Awurade afɔrebukyia no. Na ɔtwaa amena a ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn mmiɛnsa faa afɔrebukyia no ho hyiaeɛ. 33 Ɔde nnyensin guu afɔrebukyia no so, twitwaa nantwinini no asinasini guu so. Afei, ɔkaa , "Monhyɛ pɔre akɛseɛ no nsuo ma ma, na monhwie ngu afɔrebɔdeɛ no ne nnyensin no so."

Wɔyɛɛ deɛ ɔkaeɛ no wieeɛ no, 34 ɔkaa , "Monyɛ saa ara bio!"

Na wɔyɛɛ saa wieeɛ no, ɔkaa , "Monyɛ saa ne mprɛnsa so." Wɔyɛɛ sɛdeɛ ɔkaeɛ no, 35 maa nsuo no tene faa afɔrebukyia no ho, maa mpo, ɛbu faa amena no so.

36 Ɛduruu ɛberɛ a ɛsɛ wɔbɔ anwummerɛ afɔdeɛ, sɛdeɛ wɔn amanneɛ kyerɛ no, odiyifoɔ Elia kɔɔ afɔrebukyia no so, bɔɔ mpaeɛ , "Ao, Awurade, Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn, kyerɛ ɛnnɛ woyɛ Onyankopɔn Israel, na meyɛ wo ɔsomfoɔ. Kyerɛ , deɛ mereyɛ yi nyinaa firi wo. 37 Ao, Awurade, tie me! Tie me na saa nnipa yi nyinaa nhunu , Ao, Awurade, woyɛ Onyankopɔn a woatwe wɔn asane aba wo nkyɛn."

38 Nʼano siiɛ , na ogya a ɛfiri Awurade nkyɛn te firii soro bɛhyee nantwinini ba no, nnyensin no, aboɔ no ne mfuturo no. Mpo, ɛwee amena no mu nsuo no nyinaa.

39 Nnipa no hunuiɛ no, wɔde wɔn anim butubutuu fam, teateaam , "Awurade Onyankopɔn! Awurade Onyankopɔn!"

40 Na Elia hyɛɛ , "Monkyere Baal adiyifoɔ no nyinaa. Mommma wɔn mu baako koraa nnwane." Enti, ɔmanfoɔ no kyekyeree wɔn nyinaa. Na Elia de wɔn kɔɔ Kison bɔnhwa mu kɔkunkumm wɔn .

Elia Osutɔ Ho Mpaeɛ

41 Elia ka kyerɛɛ Ahab , "na kɔdi aduane pa, ma wo ho ntɔ wo! Na mate osu kɛseɛ bi rebɛtɔ." 42 Enti, Ahab too ɛpono. Na Elia foro kɔɔ Karmel bepɔ atifi, kɔbutuu fam, bɔɔ mpaeɛ.

43 Na ɔka kyerɛɛ ne ɔsomfoɔ , "na fa wʼani kyerɛ ɛpo so."

Ɔsomfoɔ no kɔhwɛɛ , na ɔba bɛka kyerɛɛ Elia , "Manhunu hwee."

Elia kaa saa kyerɛɛ no mprɛnson ɔmfa nʼani nkɔkyerɛ . Ɔno nso kɔɔ mprɛnson.

44 Ne mprɛnson so no, ne ɔsomfoɔ no ka kyerɛɛ no , "Mehunuu omununkum bi a ɛte onipa abasa a, apue afiri ɛpo no so reforo."

Ɛhɔ ara na Elia teaam , "Ntɛm! Ahab nkyɛn kɔka kyerɛ no. Foro wo teaseɛnam no, na sane efie. woanka wo ho a, osuo no bɛsi wo ɛkwan.’ "

45 Ankyɛre biara na osuo munaa tumm. Osuframa bɔeɛ, na osu kɛseɛ tɔeɛ, na ntɛm so, Ahab kɔɔ Yesreel. 46 Afei, Awurade maa Elia ahoɔden sononko bi. Ɔkekaa nʼatadeɛ hyɛɛ nʼabɔsoɔ mu, na ɔdii Ahab teaseɛnam no ɛkan ara kɔsii Yesreel ɛkwan ano.

Veja também