Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Ahemfo 5

13 Na ɔhene Salomo twerɛɛ adwumayɛfoɔ ɔpeduasa a wɔfiri Israel nyinaa din. 14 Ɔsomaa wɔn akuakuo kɔɔ Lebanon, bosome biara mu, nnipa ɔpedu , sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbarima baako biara bɛdi bosome baako Lebanon, na wadi abosome mmienu efie. Adoniram na na ɔhwɛ saa adwumayɛfoɔ yi so. 15 Salomo nso faa nnesoasoafoɔ ɔpeduɔson; faa abopaefoɔ ɔpeduɔwɔtwe firii bepɔ asase no so 16 ne wɔn so sohwɛfoɔ mpem ahasa ne ahansia a, wɔbɛhwɛ adwuma no so.

Veja também