Publicidade

2 Reis 23

Yosia Gyedisom Mu Nsakraeɛ

1 Afei, ɔhene no frɛɛ Yuda ne Yerusalem mpanimfoɔ nyinaa. 2 Na ɔhene no ne Yuda ne Yerusalem manfoɔ ne asɔfoɔ ne adiyifoɔ a ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, foro kɔɔ Awurade Asɔredan no mu. Ɛhɔ na ɔhene no kenkanee Apam Nwoma a wɔahunu Awurade Asɔredan mu no nyinaa kyerɛɛ wɔn. 3 Ɔhene no tenaa beaeɛ bi a ɛkyerɛ ne tumi afadum no ho, hyɛɛ apam no mu den bio Awurade anim. Ɔhyɛɛ , ɔfiri nʼakoma ne ne kra nyinaa mu bɛdi Awurade mmaransɛm ahyɛdeɛ ne mmara nyinaa so. Ɔfaa saa ɛkwan yi so sii apam no mu nhyehyɛeɛ ahodoɔ a na wɔatwerɛ nwoma no mu no nyinaa so dua, maa nnipa no nyinaa hyɛɛ wɔbɛdi so.

4 Afei, ɔhene hyɛɛ ɔsɔfopanin Hilkia ne asɔfoɔ akunini ne asɔredan sohwɛfoɔ nyinaa , wɔnyiyi nneɛma a na wɔde som Baal ne Asera ne ewiem atumfoɔ no nyinaa mfiri Awurade asɔredan no mu. Ɔhene no ma wɔhyee ne nyinaa Kidron bɔnhwa a ɛwɔ Yerusalem mfikyire no, soaa ne nsõ de kɔɔ Bet-El. 5 Ɔpamoo abosom akɔmfoɔ a Yuda ahemfo a wɔdii ɛkan no yii wɔn no nyinaa, ɛfiri , na wɔhye nnuhwam Yuda abosomfie nyinaa mu a mpo, na ɛreyɛ akɔduru Yerusalem kurom. Wɔhyee nnuhwam maa Baal ne owia, ɔsrane ne nsoromma ne ewiem atumfoɔ. 6 Ɔhene no tuu Asera afɔrebukyia23.6 Hesekia sɛee Asera dua, nanso Manase sane sii dua no. no firii Awurade asɔredan mu, de kɔɔ Yerusalem mfikyire Kidron bɔnhwa mu kɔhyee no. Afei, ɔyam dua no muhumuhu, kɔtoo ne mfuturo no guu amusieeɛ. 7 Ɔdwirii asɔreeɛ adwamanfoɔ adan a na ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu no, baabi a na mmaa no nwono nkatahotam, de kata Asera dua no ho no nyinaa guiɛ.

8 Yosia sane de Awurade asɔfoɔ no a na wɔtete Yuda nkuro afoforɔ so no nyinaa baa Yerusalem. Ɛfiri Geba kɔsi Beer-Seba, ɔsɛee ɛhɔ abosonnan no nyinaa. Saa beaeɛ no na na wɔhye nnuhwam no. Ɔbubuu abosonnan a ɛwɔ Yosua a na ɔyɛ Yerusalem amrado no ɛpono ano. obi rewura kuropɔn no mu a ɔbɛhunu saa ɛpono no kuropɔn ɛpono no benkum so. 9 Asɔfoɔ a na wɔsom abosonnan no mu no, na wɔmma wɔn ɛkwan mma wɔnnsom Awurade afɔrebukyia a ɛwɔ Yerusalem no so, nanso na wɔma wɔne asɔfoɔ a aka no di burodo a mmɔreka nni mu no.

10 Afei, ɔhene no sɛee Tofet afɔrebukyia a na ɛwɔ Ben-Hinom bɔnhwa no mu no enti, na obiara ntumi mfa ne babarima anaa ne babaa mmɔ afɔdeɛ ogya mu so afɔrebɔdeɛ a wɔde ma Molek bio. 11 Ɔtutuu apɔnkɔ sɛso a wɔagu a ɛsisi Awurade Asɔredan ɛkwan no ano a Yuda ahemfo too edin maa owia no nyinaa firii . Na ne nyinaa wowɔ adihɔ a ɛbɛn opiani bi a wɔfrɛ no Natan-Malek dan ho. Yosia hyee nteaseɛnam a na wɔato edin ama owia no.

12 Yosia bubuu afɔrebukyia a Yuda ahemfo sisii ahemfie no atifi Ahas dan apampam no nyinaa. Ɔhene no bubuu afɔrebukyia a Manase sisii Awurade Asɔredan no adihɔ mmienu no nyinaa guiɛ. Ɔdwirii no pasapasa, too ne nkunkumaboɔ no petee Kidron bɔnhwa no mu. 13 Ɔhene no sane guu abosonnan a ɛwɔ Yerusalem apueeɛ fam no ne deɛ ɛwɔ Ɔsɛeɛ Bepɔ no anafoɔ fam no. Saa beaeɛ no na Israelhene Salomo sisii abosonnan maa Astoret, a ɛyɛ Sidonfoɔ bosom bɔne, ne Kemos, Moabfoɔ bosom bɔne, ne Molek, Amonfoɔ bosom bɔne. 14 Yosia dwerɛɛ afadum kronkron no nyinaa, bubuu Asera afɔrebukyia no. Ɔde nnipa nnompe guguu ne nyinaa so.

15 Ɔhene no sane bubuu afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El abosonnan a Nebat babarima Yeroboam yɛeɛ ɛberɛ a ɔdii Israel anim, de wɔn kɔɔ bɔne mu no. Yosia yam aboɔ no, ma ɛdanee mfuturo, hyee Asera dua no. 16 Ɛberɛ a Yosia retoto nʼani no, ɔhunuu damena pii kokoɔ no nkyɛnmu. Ɔhyɛɛ wɔntu nnompe no, na ɔhyee ne nyinaa afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El no so, de guu afɔrebukyia no ho fi. Yei siiɛ sɛdeɛ Awurade nam Onyankopɔn onipa so ahyɛ no, ɛberɛ a Yeroboam kɔgyinaa afɔrebukyia no ho afahyɛ da no. Afei Yosia danee ne ho hwɛɛ Onyankopɔn onipa a ɔhyɛɛ yeinom nyinaa ho nkɔm no damena.

17 Yosia bisaa , "Nkaeɛdum bɛn na ɛwɔ nohoa no?"

Na nnipa a wɔwɔ kuro no mu ka kyerɛɛ no , "Ɛyɛ Onyankopɔn onipa no a ɔfiri Yuda a ɔhyɛɛ nkɔm faa dwuma a woadi seesei afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El ho no ɔboda."

18 Yosia buaa , "Momma no nwɔ . Obiara mmfa ne nsa nka ne nnompe no." Ɛno enti, wɔanhye ne nnompe no anaa odiyifoɔ akɔkoraa a ɔfiri Samaria no deɛ nso.

19 Na Yosia bubuu abosonnan no a ɛwɔ Samaria no, sɛdeɛ ɔyɛɛ Bet-El no. Israel ahemfo ahodoɔ bi na wɔsisiiɛ de hyɛɛ Awurade abufuo. 20 Ɔkunkumm asɔreeɛ so abosomfoɔ no wɔn ankasa afɔrebukyia so, na ɔhyee nnipa nnompe afɔrebukyia ahodoɔ no so, de guu ho fi. Akyire yi, ɔsane kɔɔ Yerusalem.

Yosia Di Twam Afahyɛ

21 Ɔhene Yosia hyɛɛ nnipa no nyinaa , "Ɛsɛ modi Twam Afahyɛ ma Awurade, mo Onyankopɔn, sɛdeɛ wɔatwerɛ Apam Nwoma mu no." 22 Ɛfiri ɛberɛ a atemmufoɔ dii Israel so mfeɛ bebree a atwam Israel ne Yuda ahemfo so no, wɔnnii Twam Afahyɛ no bi saa da. 23 Ɛberɛ a ɔhene Yosia dii mfeɛ dunwɔtwe akonnwa so no na wɔdii saa Twam Afahyɛ yi Yerusalem maa Awurade.

24 Yosia tɔre asamanfrɛfoɔ ne adunsifoɔ ne afie mu anyame ne ahonisom biara ase Yerusalem ne Yuda asase so baabiara. Ɔyɛɛ saa de dii mmara a wɔatwerɛ nwoma mmobɔeɛ a ɔsɔfoɔ Hilkia kɔhunuu Awurade Asɔredan mu no so. 25 Ɔhene biara mmaeɛ a ɔte Yosia a ɔde nʼakoma, ne kra ne nʼahoɔden ama Awurade na ɔnam so adi Mose mmara nyinaa so. Na ɔhene biara nso mmaeɛ a ɔte ɔno.

26 Nanso, yei nyinaa akyi no, Awurade abufuo no dɛre tiaa Yuda, ɛsiane bɔne akɛseɛ a Ɔhene Manase yɛeɛ no. Ɛno enti, wanyi nʼabufuhyeɛ no amfiri wɔn so. 27 Awurade kaa , "Mɛsɛe Yuda, sɛdeɛ mesɛee Israel no. Mɛpam nnipa no afiri mʼanim, na mapo me kuropɔn Yerusalem ne Asɔredan a anka ɛsɛ wɔhyɛ me din animuonyam mu no."

28 Yosia ahennie ho asɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.

29 Ɛberɛ a Yosia di ɔhene no, Misraimhene Farao Neko kɔɔ Asubɔnten Eufrate ho kɔboaa Asiriahene. Ɔhene Yosia de nʼakodɔm tuu sa, kɔko tiaa no, nanso ɛberɛ a wɔhyiaa Megido no, ɔhene Neko kumm no. 30 Yosia akodɔm mu mpanimfoɔ no de nʼamu no too teaseɛnam mu firii Megido, baa Yerusalem bɛsiee no ɔno ankasa ɔboda mu. Na nnipa no sraa ne babarima Yehoahas ngo, sii no ɔhene.

Yehoahas Di Ɔhene Yuda

31 Ɛberɛ a Yehoahas dii ɔhene no, na wadi mfeɛ aduonu mmiɛnsa, na ɔdii adeɛ Yerusalem abosome mmiɛnsa. Na ne maame Yeremia a ɔfiri Libna no babaa a na ne din de Hamutal. 32 Ɔyɛɛ bɔne Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagyanom yɛeɛ no pɛpɛɛpɛ. 33 Farao Neko de Yehoahas too afiase Ribla Hamat asase so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔrentumi nni ɔhene Yerusalem. Afei, ɔbisaa Yuda ntua toɔ dwetɛ tɔno mmiɛnsa ne fa ne sikakɔkɔɔ kilogram aduasa ɛnan apeatoɔ. 34 Afei, Farao Neko de Eliakim a ɔyɛ Yosia babarima, dii adeɛ, ma ɔsii nʼagya ananmu. Ɔsesaa Eliakim din frɛɛ no Yehoiakim. Wɔde Yehoahas kɔɔ Misraim odeduani, na ɔwuu .

Yehoiakim Di Ɔhene Yuda

35 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛnya dwetɛ ne sikakɔkɔɔ toɔ a Farao Neko regye no, Yehoiakim gyegyee akwabrantoɔ firii Yudafoɔ nkyɛn. Obiara tuaa sɛdeɛ nʼahonya teɛ.

36 Ɛberɛ a Yehoiakim dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii adeɛ Yerusalem mfeɛ dubaako. Na ne maame din de Sebuda a ɔyɛ Pedaia a ɔfiri Ruma babaa. 37 Ɔyɛɛ bɔne Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagyanom yɛeɛ no.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-