15 Ɛberɛ a Onyankopɔn onipa no ɔsomfoɔ sɔree ahemadakye, sii afikyire no, na akodɔm, apɔnkɔ ne nteaseɛnam atwa hɔ ahyia. Ɔteaam kyerɛɛ Elisa sɛ, "Aa, me wura, ɛdeɛn na yɛnyɛ?"
16 Elisa ka kyerɛɛ no sɛ, "Nsuro na yɛwɔ ɛdɔm sene wɔn."
17 Afei, Elisa bɔɔ mpaeɛ sɛ, "Ao, Awurade, bue nʼani na ma ɔnhunu adeɛ," Awurade buee ne ɔsomfoɔ ani, na ɔpagyaa nʼani no, ɔhunuu sɛ Elisa nkyɛn mu a ɛkyerɛ bepɔ no, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam na ayɛ hɔ ma.