Publicidade

2 Reis 6

Abonnuatire A Ɛtɛ Nsuo Ani

1 Ɛda bi adiyifoɔ kuo baa Elisa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no , "Sɛdeɛ wo ara wohunu no, baabi a yɛne wo hyia ha yi sua. 2 Ma yɛnkɔ Asubɔnten Yordan ho a nnua bebree . Ɛhɔ deɛ, yɛbɛtumi asi ɛdan foforɔ, ahyia mu ."

Ɔka kyerɛɛ wɔn , "Ɛyɛ, monkɔyɛ."

3 Obi kaa nʼadwene , "Mesrɛ wo, bɛka yɛn ho na yɛnkɔ."

Ɔkaa , "Mate yɛbɛkɔ."

4 Ɛberɛ a wɔduruu Yordan ho no, wɔhyɛɛ aseɛ buu nnua. 5 Nanso, wɔn mu baako rebu dua no, nʼabonnua hɔn tɔɔ nsuo no mu. Ɔteaam , "Aa! Me wura, ɛyɛ abonnua a mekɔsrɛeɛ!"

6 Onyankopɔn onipa no bisaa , "Ɛhefa na ɛtɔeɛ?" Ɔkyerɛɛ Elisa baabi ko no, Elisa twaa poma, na ɔto twenee nsuo no mu. Ɛhɔ ara abonnua tire no pagyaa ne ho, bɛtɛɛ nsuo no ani. 7 Elisa ka kyerɛɛ no , "Ma so yi." Na ɔbarima no tenee ne nsa yiiɛ.

Elisa Nsa Ka Aramfoɔ No

8 Ɛberɛ a Aramhene ne Israel redi ako no, ɔne ne mpanimfoɔ tuu agyina, kaa , "Yɛbɛboaboa yɛn akodɔm ano ha anaa ɛha."

9 Ntɛm pa ara, Onyankopɔn onipa Elisa bɔɔ Israelhene kɔkɔ , "Ntwe mmɛn beaeɛ , ɛfiri , Aramfoɔ no reyɛ nhyehyɛeɛ, aboaboa wɔn akodɔm ano ." 10 Enti Israelhene hwɛɛ beaeɛ a Onyame onipa kyerɛɛ no no. Elisa kɔɔ so bɔɔ ɔhene no kɔkɔ mpɛn pii, na ɛmaa nʼani daa fam mmeaeɛ a ɛtete saa no ho.

11 Aramhene werɛ hoo asɛm yi ho. Ɔfrɛɛ ne mpanimfoɔ bisaa wɔn , "Mo mu hwan na ɔyɛ ɔfatwafoɔ no? Hwan na ɔka me nhyehyɛeɛ a mayɛ kyerɛ Israelhene?"

12 Mpanimfoɔ no mu baako buaa , "Me wura, ɛnyɛ yɛn. Elisa a ɔyɛ odiyifoɔ Israel no na ɔka wo kɔkoamsɛm kyerɛ Israelhene."

13 Ɔhene no hyɛɛ , "Monkɔhwehwɛ baabi a Elisa , na yɛbɛsoma akodɔm ama wɔakɔkye no." Na nkra baeɛ , "Elisa Dotan." 14 Enti, anadwo bi, Aramhene somaa akodɔm bebree ne wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔ kɔtwaa kanko faa kuropɔn no ho. 15 Ɛberɛ a Onyankopɔn onipa no ɔsomfoɔ sɔree ahemadakye, sii afikyire no, na akodɔm, apɔnkɔ ne nteaseɛnam atwa ahyia. Ɔteaam kyerɛɛ Elisa , "Aa, me wura, ɛdeɛn na yɛnyɛ?"

16 Elisa ka kyerɛɛ no , "Nsuro na yɛwɔ ɛdɔm sene wɔn."

17 Afei, Elisa bɔɔ mpaeɛ , "Ao, Awurade, bue nʼani na ma ɔnhunu adeɛ," Awurade buee ne ɔsomfoɔ ani, na ɔpagyaa nʼani no, ɔhunuu Elisa nkyɛn mu a ɛkyerɛ bepɔ no, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam na ayɛ ma.

18 Ɛberɛ a Aramfoɔ asraadɔm puaa wɔn no, Elisa bɔɔ mpaeɛ , "Ao, Awurade, mesrɛ wo, ma wɔn ani mfirafira." Na Awurade yɛɛ deɛ Elisa bisaeɛ no.

19 Na Elisa firii adi, kɔka kyerɛɛ wɔn , "Moafa ɛkwan bɔne so aba. Ɛnyɛ kuro a morehwehwɛ no ni. Monni mʼakyi, na mede mo bɛkɔ onipa a morehwehwɛ no no nkyɛn." Na ɔdii wɔn anim kɔduruu Samaria.

20 Na wɔduruu Samaria , Elisa bɔɔ mpaeɛ , "Ao, Awurade, afei bue wɔn ani, na ma wɔnhunu adeɛ." Na Awurade yɛeɛ, na wɔhunuu wɔwɔ Samaria.

21 Ɛberɛ a Israelhene hunuu wɔn no, ɔteaam, bisaa Elisa , "Mʼagya, menkunkum wɔn anaa?"

22 Elisa buaa no , "Dabi. Ɛsɛ yɛkunkum ɔko mu nnommumfoɔ anaa? Ma wɔn aduane ne nsuo, na ma wɔnsane nkɔ wɔn wura nkyɛn wɔn kurom." 23 Enti, ɔhene no too wɔn ɛpono kɛseɛ, ma wɔsane kɔɔ wɔn ɔhene nkyɛn wɔn kurom. Ɛno akyi, Aramfoɔ ntohyɛsofoɔ no twee wɔn ho firii Israel asase ho koraa.

Ben-Hadad Tua Samaria Ano

24 Akyire no, Aramhene Ben-Hadad boaboaa nʼakodɔm nyinaa ano, de wɔn kɔtuaa Samaria. 25 Ɛbaa saa no, ɛkɔm kɛseɛ baa kuro no mu. Ɛyɛɛ kakra no, na wɔtɔn afunumu ti dwetɛ kilogram baako, ɛnna wɔtɔn aborɔnoma bini kuruwa ma dwetɛ gram aduonum nwɔtwe.

26 Ɛda bi a Israelhene nam kuro no ɔfasuo ho no, ɔbaa bi kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no , "Me wura ɔhene, mesrɛ wo, boa me."

27 Ɔbuaa no , "Awurade ammoa wo a, ɛdeɛn na mɛtumi ayɛ? Menni aduane anaa nsa a mede bɛma wo." 28 Ɔhene no bisaa no , "Ɛdeɛn asɛm?"

Ɔbuaa , "Saa ɔbaa yi kaa , yɛnwe me babarima da bi, na adeɛ kye a, yɛawe ɔno nso deɛ. 29 Enti, yɛnoaa me babarima weeɛ. Afei, adeɛ kyeeɛ no, meka kyerɛɛ no , Kum wo babarima no ma yɛnwe,nanso, na ɔde no akɔsie."

30 Na ɔhene no tee saa asɛm yi, ɔde anibiannasoɔ sunsuanee ne ntadeɛ mu. Na ɔhene no nam ɔfasuo no ho no, nnipa no hunuu ɔhyɛ ayitadeɛ nʼase. 31 Ɔhene no kaa ntam , "ɛnnɛ mankum Safat babarima Elisa a, Onyankopɔn nku me."

32 Elisa te ne fie a ɔne Israel mpanimfoɔ reyɛ nhyiamu na ɔhene somaa abɔfoɔ kɔfrɛɛ no. Nanso, ansa na abɔfoɔ no rebɛduru no, Elisa ka kyerɛɛ mpanimfoɔ no , "Owudifoɔ asoma ɔbarima bi ɔmmɛkum me. ɔduru ha a, to ɛpono no mu, na ɔnka akyire. Na ɛrenkyɛre ne wura no bɛdi nʼakyi aba." 33 Elisa gu so rekasa no, ɔbɔfoɔ no baeɛ.

Na ɔhene no kaa , "Ɛyɛ Awurade na ɔde saa ɔhaw yi abrɛ yɛn! Adɛn enti na ɛsɛ mekɔ so twɛn Awurade?"

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-