Publicidade

Deuteronômio 10

Aboɔ Ɛpono Foforɔ

1 Saa ɛberɛ no, Awurade ka kyerɛɛ me , "Twa aboɔ ɛpono no mmienu te kane deɛ no na foro bra me nkyɛn bepɔ no so. Afei, dua adaka a wobɛkora mu. 2 Mɛtwerɛ nsɛm a metwerɛ guu aboɔ ɛpono mmienu a ɛdi ɛkan a wobubuu mu no bi pɛpɛɛpɛ agu so. Na wode ahyɛ adaka no mu."

3 Na mede dua okuo yɛɛ adaka, senee aboɔ ɛpono mmienu kane deɛ no, na meforoo bepɔ no a apono mmienu no kura me nsam. 4 Awurade twerɛɛ Mmaransɛm Edu no a ɔdii ɛkan twerɛ firii ogya mu bepɔ no so mo nhyiamu ase no guu apono no so. Na Awurade de maa me. 5 Na mesiane firii bepɔ no so na mede aboɔ apono no bɛhyɛɛ adaka a meyɛeɛ no mu sɛdeɛ Awurade hyɛɛ me menyɛ no, na ɛwɔ bɛsi ɛnnɛ.

6 Na Israelfoɔ tu firii Beerot-Bene-Yaakan kɔɔ Mosera. Ɛhɔ na Aaron wuiɛ na wɔsiee no. Aaron babarima Eleasa sii nʼanan mu, dii ɔsɔfoɔ. 7 Wɔfiri no, wɔtu kɔɔ Gudgod. Wɔfiri Gudgod no, wɔkɔɔ Yotbata, asase a nsuo abu so so. 8 Ɛhɔ na Awurade yii Lewifoɔ abusuakuo wɔnsoa Awurade apam adaka no na wɔnnyina Awurade anim nsom no na wɔmfa ne din so nhyira. Yeinom da so wɔn nnwuma de bɛsi ɛnnɛ. 9 Ne saa enti na Lewifoɔ no nni agyapadeɛ a wɔnya mu mfasodeɛ Israelfoɔ mmusuakuo mu no. Awurade no ankasa ne wɔn agyapadeɛ sɛdeɛ Awurade mo Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn no.

10 Sɛdeɛ maka dada no, metenaa bepɔ no so Awurade anim adaduanan awia ne anadwo ne mprenu so. Na bio, Awurade tiee me sufrɛ enti, wansɛe mo. 11 Awurade ka kyerɛɛ me , "Sɔre na di ɔmanfoɔ no anim fa wɔn asase a mekaa ntam mede bɛma wɔn agyanom no so na wɔmfa no agyapadeɛ."

Monsuro Awurade

12 Enti Israel, ɛdeɛn na Awurade, mo Onyankopɔn, hwehwɛ afiri mo nkyɛn? Ɔhwehwɛ mosuro no na moyɛ nʼapɛdeɛ, na mode mo akoma ne mo kra nyinaa no na mosom no, 13 na modi Awurade ahyɛdeɛ ne ne mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi so, na asi mo yie.

14 Ɔsorosoro mu soro ne asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa Awurade mo Onyankopɔn, dea. 15 Nanso, Awurade yii mo agyanom ne nhwɛsodeɛ. Na ɔyii mo a moyɛ wɔn asefoɔ gyaa ɔman biara sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi. 16 Ɛno enti, momma wɔnte mo akoma mu na monnyae asoɔden no. 17 Awurade mo Onyankopɔn ahene mu hene ne anyame mu nyame. Ɔyɛ Onyankopɔn kokuroko, otumfoɔ ne ɔnwanwani a ɔnkyea nʼaso na ɔnnye adanmudeɛ nso. 18 Ɔbu nwisiaa ne akunafoɔ atɛntenenee. Ɔda ne adi kyerɛ ahɔhoɔ a wɔte mo mu. Ɔma wɔn aduane ne ntoma. 19 Mo nso, ɛsɛ modɔ ahɔhoɔ, ɛfiri , mo nso ɛberɛ bi na moyɛ ahɔhoɔ Misraim asase so. 20 Ɛsɛ modi Awurade mo Onyankopɔn ni na mosom no, na moka mo ho bata ne ho. Monka ntam ne din nko ara mu. 21 Ɔyɛ mo Onyankopɔn a ɛsɛ mokamfo no. Ɔno na wayɛ anwanwadeɛ akɛseɛ a mo nyinaa ahunu bi. 22 Ɛberɛ a mo agyanom siane kɔɔ Misraim no, na wɔn dodoɔ aduɔson. Nanso afei, Awurade, mo Onyankopɔn ama moadɔre te ɔsoro nsoromma.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-