Nneyɛɛ A Ɛmfata Wɔ Awadeɛ Mu
13 Sɛ ɔbarima ware ɔbaa na ɔne no da na akyire no, ɔmpɛ no bio, 14 na enti ɔka ne ho asɛmmɔne, bɔ no edin bɔne sɛ, "Mewaree no no, manhunu sɛ ɔyɛ ɔbaabunu," 15 a, ɔbaa no agya ne ne maame wɔ ho ɛkwan sɛ wɔde adansedie a ɛkyerɛ sɛ wɔn babaa no yɛ ɔbaabunu bɛkyerɛ kuro no mpanimfoɔ wɔ kuro no ɛpono ano. 16 Ɛsɛ sɛ ɔbaa no agya ka kyerɛ wɔn sɛ, "Mede me babaa maa ɔbarima yi awadeɛ nanso ɔse ɔmpɛ no bio. 17 Wabɔ no kwaadu agu nʼanim ase aka sɛ, ɔwaree no no wahunu sɛ ɔnyɛ ɔbaabunu. Nanso adansedeɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔbaabunu no nie." Afei, wɔbɛtrɛ ntoma no mu wɔ atemmufoɔ no anim.