Pular para o conteúdo
Publicidade

Deuteronômio 24

1 ɔbarima ware yere na nʼani nnye ne ho bio, ɛfiri wahunu ade bɔne bi ne ho, na ɔtwerɛ awaregyaeɛ krataa de ma no, na ɔpamoo no firi ne fie, 2 na ɔfiri fie na ɔbarima foforɔ kɔware no, 3 na ne kunu a ɔtɔ so mmienu no gyaa no anaa ɔwu a, 4 ne kunu a ɔdi ɛkan a ɔgyaa no no nni ho ɛkwan ɔware no bio, ɛfiri , wagu ne ho fi. Ɛyɛ akyiwadeɛ Awurade ani so. Mommfa afɔbuo mma asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo agyapadeɛ no so.

5 ɔbarima aware foforɔ a, ɛnsɛ wɔde no ɔko anaasɛ nso wɔde dwuma bi die to no so. Ɛsɛ ɔtena fie afe a ɔnyɛ adwuma biara sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛma ne yere foforɔ a waware no no anya ahotɔ.

6 Obi nnye adeyam boba kɛseɛ no ne ne ketewa no anaa adeyam boba ketewa no nko ara awowa, ɛfiri , deɛ ɛyɛ ne dea no, ɛno ho na ɔdidi.

7 obi kyere ne yɔnko Israelni na ɔdi no nya ɔdɔnkɔ anaa ɔtɔn no a, ɛsɛ onyadifoɔ no wuo. Ɛsɛ motu bɔne ase firi mo mu.

8 Monhwɛ honam ani nsaneyadeɛ nyinaa yie na monni ɛho mmara a Lewifoɔ asɔfoɔ bɛkyerɛ mo no so; monni mmara a mahyɛ ama mo no so. 9 Monkae deɛ ɛberɛ a mofiri Misraim reba no Awurade, mo Onyankopɔn, yɛɛ Miriam.

10 wode biribi fɛm wo yɔnko a, nkɔ wo yɔnko fie nkɔgye awowasideɛ. 11 Gyina afikyire na ɔyɔnko a ɔfɛm wʼadeɛ no de awowasideɛ no bɛbrɛ wo. 12 ɔyɔnko no ohiani na ɔwɔ ntoma baako a ɔpɛ ɔde si wo awowa a, nkora ntoma no nkɔsi adekyeeɛ. 13 Fa ntoma no kɔma wo yɔnko no owiatɔberɛ sɛdeɛ ɔde bɛda na wahyira wo. Na Awurade, wo Onyankopɔn, bɛka woayɛ wo nyamedwuma na wahyira wo.

14 Nhyɛ ɔpaani mmɔborɔni a ɔyɛ wo nua Israelni anaa ɔhɔhoɔ a ɔte mo nkuro baako mu no so. 15 Tua nʼapaadeɛ ma no ɛda biara ansa na owia akɔtɔ, ɛfiri , ɔyɛ ohiani na nʼani da saa akatua no so. Anyɛ saa a, ɔbɛsu afrɛ Awurade atia wo, na wobɛdi bɔne ho .

16 Ɛnsɛ mma bɔne bi a wɔayɛ enti wɔkum wɔn awofoɔ de si anan. Saa ara nso na ɛnsɛ awofoɔ bɔne bi a wɔayɛ enti wɔkum wɔn mma de si anan. Wɔn a owuo wɔn no, ɛsɛ wɔkum wɔn wɔn ankasa bɔne ano.

17 Ɛsɛ wɔbu ahɔhoɔ a wɔte mo mu no ne nwisiaa atɛntenenee, na ɛnsɛ mogye okunafoɔ ɔbaa ntoma de si ɛka a ɔde ho awowa. 18 Daa monkae , na mo nso moyɛ nkoa Misraim na Awurade, mo Onyankopɔn, na ɔgyee mo. Ɛno enti na mede saa mmara yi ama mo no.

19 woretwa wʼafuo mu nnɔbaeɛ, na wo werɛ firi afi bi afuom a, nsane nkɔfa. Gya ma ahɔhoɔ, awisiaa anaa akunafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛhyira mo nsa ano nnwuma nyinaa so. 20 wote wo ngo nnua so aba a, nkɔ so mprenu. Gya aba no a aka so no ma ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ. 21 Saa nso na wote wo bobe nturo so aba a, nkɔ so mprenu. Gya aba a aka so no ma ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ. 22 Monkae , moyɛɛ nkoa Misraim. Ɛno enti na mehyɛ mo monyɛ yei no.

Veja também