Pular para o conteúdo
Publicidade

Gênesis 16

Ismael Awoɔ

1 Saa ɛberɛ yi, na Sarai nwoo ɔba mmaa Abram. Na ɔwɔ Misraimni abaawa bi a wɔfrɛ no Hagar; 2 enti Sarai ka kyerɛɛ Abram , "Wo ara wonim Awurade ama mayɛ obonini; manwo ɔba! Mesrɛ wo, na wo ne mʼabaawa Hagar nkɔda; ebia ɛnam ne so na manya mma."

Abram penee asɛm a Sarai ka kyerɛɛ no no so. 3 Abram tenaa Kanaan asase so mfeɛ edu akyiri no, ne yere Sarai de Misraimni abaawa Hagar no kɔmaa ne kunu no , ɔnware no. 4 Abram ne Hagar daeɛ, na ɔnyinsɛneeɛ.

Ɛberɛ a Hagar hunuu wanyinsɛn no, ɔhyɛɛ aseɛ buu nʼawuraa Sarai animtia. 5 Enti Sarai ka kyerɛɛ Abram , "Saa ɔhaw a aba me so yi nyinaa firi wo! Mede mʼabaawa maa wo; afei a wahunu wanyinsɛn no enti, ɔtiatia mʼanim. Awurade mmu me ne wo ntam atɛn."

6 Nanso, Abram ka kyerɛɛ Sarai , "Ɔyɛ wʼabaawa. Deɛ wopɛ wode no biara, fa no." Ɛfiri saa ɛberɛ no, Sarai tanee nʼabaawa Hagar ani, ma ɔdwane firii ne nkyɛn.

7 Awurade ɔbɔfoɔ hunuu Hagar nsuo aniwa bi ho ɛserɛ no so. Na saa nsuo aniwa no da ɛkwan a ɛkɔ kuro bi a wɔfrɛ no Sur no nkyɛn. 8 Ɔbɔfoɔ no bisaa Hagar , "Sarai abaawa Hagar, wofiri he, na worekɔ he?"

Hagar buaa no , "Meredwane afiri mʼawuraa Sarai nkyɛn."

9 Na Awurade ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ Hagar , "Sane wʼawuraa no nkyɛn, na kɔbrɛ wo ho ase ma no." 10 Ɔbɔfoɔ no ka kaa ho , "Mɛma wʼase afɛe a, wɔkan a, ɛnyɛ yie."

11 Awurade ɔbɔfoɔ no sane ka kyerɛɛ Hagar ,

"Woanyinsɛn,

na wobɛwo ɔbabarima.

Wobɛto no edin Ismael, ɛfiri ,

Awurade ate wʼamanehunu.

12 Ɔbɛyɛ ɛserɛ so afunumu.

Ɔbɛtia nnipa nyinaa,

na nnipa nyinaa nso bɛtia no;

atutupɛ so na

ɔne ne nuanom bɛtena."

13 Yei akyiri ɔde edin foforɔ maa Awurade. Ɔkaa , "Mahunu Deɛ ɔhunu me." Ɛno enti, ɔde edin El-Roi a aseɛ ne "Onyankopɔn a ɔhunu me" no, too no. 14 Ɛno enti na wɔfrɛ nsuo aniwa no Beer-Lahai-Roi a aseɛ ne "Onyankopɔn Teasefoɔ a ɔhunu me abura." Ɛda Kades ne Bered ntam bɛsi ɛnnɛ.

15 Enti Hagar woo ɔbabarima maa Abram. Abram too abɔfra no edin Ismael. 16 Hagar woo Ismael no, na Abram adi mfeɛ aduɔwɔtwe nsia.

Veja também