Publicidade

Gênesis 18

Onyankopɔn Hyɛ Abraham Ne Sara Awoɔ Ho

1 Awia ketee bi a Abraham te ne ntomadan a ɛwɔ Mamrɛ odum kwaeɛ ɛkwan ano no, Awurade yii ne ho adi bio kyerɛɛ no. 2 Abraham maa nʼani so no, ɔhunuu mmarima baasa bi apue ne ntentenesoɔ. Ɔhunuu wɔn no, ɔtuu mmirika firii ne ntomadan no kwan ano kɔhyiaa wɔn, kotoo wɔn.

3 Abraham kaa , "Me wura, manya adom wʼanim a, ntwa me a meyɛ wʼakoa ho nkɔ. 4 Momma wɔmfa nsuo bi mmrɛ mo nhohoro mo nan ase, na monhome nnua yi ase kakra. 5 Moaba mo akoa nkyɛn yi, momma mempɛ aduane kakra bi mma monka mo ano, na monnya ahoɔden nkɔ mo kwan." Nnipa no penee so kaa ,

"Ɛyɛ, deɛ wopɛ woyɛ."

6 Enti, Abraham de ahoɔherɛ kɔɔ ne yere Sara nkyɛn ntomadan no mu, ka kyerɛɛ no , "Ka wo ho fa asikyiresiam pa susukora mmiɛnsa, na fɔtɔ na fa to burodo."

7 Afei, Abraham yɛɛ ntɛm kɔɔ nʼanantwibuo no mu, kɔkyeree nantwie ba a ɔyɛ na wadɔre sradeɛ de no maa ne ɔsomfoɔ, ma ɔde ahoɔherɛ yɛɛ ne ho adwuma. 8 Afei, ɔfaa nufosuo ani sradeɛ ne nufosuo ne nantwie ba a ɔde anoa aduane no, de too nnipa baasa no ɛpono. Ɛberɛ a nnipa no gu so redidie no, na ɔgyina wɔn nkyɛn nnua no ase.

9 Nnipa no bisaa Abraham , "Wo yere Sara he?"

Abraham buaa wɔn , "Ɔwɔ ntomadan no mu."

10 Afei, Awurade kaa , "Deɛ ɛbɛyɛ biara, afe sɛsɛɛ mɛba wo nkyɛn, na mɛba no, na wo yere Sara awo ɔbabarima."

Saa ɛberɛ no, na Sara gyina ntomadan no ɛpono akyiri, retie nkɔmmɔ no. 11 Na Abraham ne Sara nyinaa anyinyini yie a wɔn mfeɛ akɔ animu koraa enti, na Sara awoɔ apa ho. 12 Sara tee asɛm no, ɔseree ne tirim, kaa , "Manya awie aberewabɔ, na me kunu nso abɔ akɔkoraa yi, ɛbɛyɛ sɛn na manya saa anigyedeɛ yi?"

13 Enti, Awurade bisaa Abraham , "Adɛn enti na Sara sere bisaa , Ampa ara manyini aduru seyie yi, mɛtumi awo ba?14 Biribi boro Awurade ahoɔden so ɔbɛyɛ? Afe sɛsɛɛ a mɛsane aba sɛdeɛ mahyɛ wo ho no, na wo yere Sara awo ɔbabarima."

15 Na Sara suro enti, ɔtwaa atorɔ , "Mansere."

Nanso, Onyankopɔn kaa , "Ɛyɛ nokorɛ turodoo wosereeɛ."

Abraham Di Ma Sodom

16 Mmarima no kraa wɔrekɔ no, wɔde wɔn ani kyerɛɛ Sodom. Abraham kɔgyaa wɔn kwan. 17 Afei, Awurade kaa , "Adeɛ a mabɔ me tirim mɛyɛ no, memfa nsie Abraham anaa? 18 Ɛyɛ nokorɛ turodoo Abraham bɛyɛ ɔman kɛseɛ a ɛwɔ tumi. Na ɛnam Abraham so na wɔbɛhyira amanaman a ɛwɔ asase so nyinaa. 19 Ɛfiri , mapa Abraham ɔbɛkyerɛkyerɛ ne mma ne ne fiefoɔ Awurade kwan. Na wɔayɛ ade pa ne ade tenenee a ɛsɔ Awurade ani. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Awurade a ɔhyɛɛ Abraham no bɛba mu."

20 Afei, Awurade kaa , "Mate nnebɔne a ɛyɛ duru a ɛrekɔ so Sodom ne Gomora no. 21 Mɛkɔ makɔhwɛ , deɛ wɔyɛ no bɔne a ɛyɛ duru, sɛdeɛ mate no anaa. ɛnte saa nso a, mɛhunu."

22 Na mmarima baasa no mu baanu danee wɔn ani kyerɛɛ Sodom. Nanso, Abraham deɛ, na ɔda so gyina Awurade anim. 23 Afei, Abraham twe bɛn Onyankopɔn bisaa no , "Wobɛsɛe nnipa tenenee ne nnipa bɔnefoɔ nyinaa afra anaa? 24 Na nnipa tenenee aduonum kuro no mu a wobɛsɛe kuro no a worenhwɛ saa nnipa tenenee aduonum no ho nnyae kuro no sɛeɛ? 25 Ɛmpare wo wobɛyɛ saa, wobɛkum nnipa tenenee ne nnipa bɔnefoɔ afra, de asotwe korɔ no ara bɛma nnipa tenenee ne nnipa bɔnefoɔ. Ɛmpare wo! Deɛ ɔbu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntenenee anaa?"

26 Na Awurade kaa , "mehunu nnipa tenenee aduonum Sodom kuro no mu a, wɔn enti, merensɛe kuro no."

27 Na Abraham bisaa , "Afei, me a meyɛ nsõ ne dɔteɛ a mensɛ hwee, nanso masi me bo ne Awurade akasa yi, 28 ɛba nnipa tenenee no dodoɔ aduanan enum nso ɛ? Esiane saa nnipa enum a wɔafiri nnipa tenenee aduonum no so ama aka nnipa tenenee aduanan enum no enti, wobɛsɛe kuro mu no nyinaa anaa?"

Onyankopɔn buaa , "mehunu nnipa tenenee aduanan enum kuro no mu a, merensɛe no."

29 Abraham toaa nʼadebisa no so , "ɛba , nnipa tenenee aduanan na wɔwɔ kuro no mu ɛ?"

Na Awurade buaa Abraham , "Nnipa tenenee aduanan no enti, merensɛe kuro no."

30 Abraham kɔɔ so srɛɛ bio , "Mesrɛ wo, Awurade, mma wo bo mfu me, ma menkasa. ɛba nnipa tenenee aduasa na wɔwɔ kuro no mu nso ɛ?"

Awurade buaa , "mehunu nnipa tenenee aduasa a, merensɛe kuro no."

31 Afei, Abraham bisaa , "Masi me bo ne Awurade akasa yi, ɛba nnipa tenenee aduonu na wɔwɔ kuro no mu ɛ?"

Onyankopɔn buaa , "Saa nnipa tenenee aduonu no enti, merensɛe kuro no."

32 Abraham kɔɔ so bisaa , "Ao, Awurade, mma wo bo mfu me; ma memmisa mʼasɛm baako a ɛtwa toɔ. ɛba , nnipa tenenee edu na wɔwɔ kuro no mu nso ɛ?"

Awurade buaa , "Saa nnipa tenenee edu no enti, merensɛe kuro no."

33 Ɛberɛ a Awurade ne Abraham kasa wieeɛ no, ɔgyaa Abraham kɔeɛ. Abraham nso sane kɔɔ nʼatenaeɛm.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-