Publicidade

Gênesis 28

Isak Hyira Yakob

1 Isak frɛɛ Yakob, hyiraa no hyɛɛ no , "Nware saa Kanaanfoɔ mmaa yi bi da. 2 Ka wo ho Betuel a ɔyɛ wo maame Rebeka agya no nkyɛn Paddan-Aram, na kɔware wo wɔfa Laban mmammaa no mu baako. 3 Otumfoɔ Onyankopɔn no nhyira wo. Ɔmma wʼase nnɔre bebree, na wʼasefoɔ no abɛyɛ ɔman kɛseɛ a mmusuakuo bebree bɛfiri mu aba. 4 Onyankopɔn mfa nhyira a ɔde hyiraa Abraham no nhyira wo ne wʼasefoɔ. Ɔmma asase a ɛnnɛ wote so ɔhɔhoɔ yi a ɛyɛ asase a Onyankopɔn de maa Abraham no nyɛ wo dea." 5 Sɛdeɛ Isak gyaa ne ba Yakob ɛkwan nie: Yakob kɔɔ Laban a ɔyɛ Aramni Betuel babarima nkyɛn Paddan-Aram. Na saa Laban yi Esau ne Yakob maame Rebeka nuabarima.

Esau Ware Ismael Babaa

6 Esau tee Isak ahyira Yakob, na wagya no kwan ma ɔkɔ Paddan-Aram ɔnkɔware . Ɔhyiraa no no, ɔhyɛɛ no , "Nware saa Kanaanfoɔ mmaa yi bi da." 7 Yakob tiee nʼagya ne ne maame afotuo no siim kɔɔ Paddan-Aram. 8 Esau hunuu nʼagya Isak mpɛ Kanaanfoɔ mmaa asɛm. 9 Enti, ɔsiim kɔɔ Abraham babarima Ismael nkyɛn, kɔwaree ne babaa Mahalat. Na Mahalat Nebaiot nuabaa, na ɔyɛ Ismael a ɔno nso Abraham babarima babaa. Esau waree Mahalat kaa ne yerenom ho.

Yakob Daeɛ A Ɔsoo Bet-el

10 Yakob firii Beer-Seba de nʼani kyerɛɛ Haran. 11 Ɔduruu baabi na onwunu redwoɔ no, ɔpɛɛ baabi soɛeɛ, ɛfiri , na adeɛ resa. Ɔfaa ɛboɔ bi baabi a waduru de yɛɛ sumiiɛ. 12 Ɔdaeɛ no, ɔsoo daeɛ bi. Daeɛ no mu, ɔhunuu atwedeɛ bi si fam a nʼatifi ka ewiem, na Onyankopɔn abɔfoɔ redi so aforosiane. 13 Ɔhunuu Onyankopɔn gyina atwedeɛ no atifi. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no , "Mene Awurade, Abraham Onyankopɔn, ne wʼagya Isak Onyankopɔn. Mede asase a woda so yi bɛma wo ne wʼasefoɔ. 14 Wʼasefoɔ bɛyɛ asase so mfuturo, na mobɛtrɛtrɛ akɔ apueeɛ ne atɔeɛ, atifi ne anafoɔ nyinaa. Wo ne wʼasefoɔ mu na wɔfiri bɛhyira ewiase mmusuakuo nyinaa. 15 Yeinom nyinaa akyiri no, mɛka wo ho, na baabiara a wobɛkɔ no, mɛdi wʼakyi, na mɛsane de wo aba saa asase yi so. Merennyaa wo da, kɔsi ɛbɔ a mahyɛ wo yi nyinaa bɛba mu."

16 Yakob nyaneeɛ no, ɔkaa ne tirim , "Ampa ara, sɛɛ na Awurade saa beaeɛ ha yi, a na mennim!" 17 Yakob suroeɛ, na ɔkɔɔ so kaa ne tirim , "Ɛha hu papa. Ɛha nyɛ baabiara Onyankopɔn fie. Ɔsoro ɛpono ano ne ha."

18 Enti, Yakob sɔree anɔpatutuutu maa ɛboɔ a ɔde yɛɛ sumiiɛ no so sii , hwiee ngo guu so. 19 Ɔtoo beaeɛ no edin Bet-El a aseɛ kyerɛ Onyame fie. Kane no na anka wɔfrɛ saa kuro no Lus.

20 Afei, Yakob kaa ntam , "Onyankopɔn bɛka me ho, ahwɛ me so saa akwantuo yi mu, ama me aduane adi, ama me ntoma afira, 21 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛsane aba mʼagya fie asomdwoeɛ mu a, ɛnneɛ, Awurade bɛyɛ me Onyankopɔn. 22 Saa ɛboɔ a mede asi nkaeɛdum yi bɛyɛ Onyankopɔn fie. Biribiara a wo, Onyankopɔn, de bɛma me no, mede mu nkyɛmu edu mu baako bɛma wo."

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-