Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Mose (Gyenesis) 29

Yakob Kɔduru Paddan-Aram

1 Yakob toaa nʼakwantuo so kɔduruu apueeɛfoɔ asase so. 2 Asase no so baabi na ɔkɔhunuu abura bi a nnwankuo mmiɛnsa butubutu ho. Ɛfiri , saa abura no mu nsuo na wɔsa ma nnwan no nom. Na ɛboɔ kɛseɛ bi na ɛkata abura no so. 3 Ɛberɛ biara a nnwankuo no bɛboa wɔn ho ano no, nnwanhwɛfoɔ no pire ɛboɔ no firi abura no ano ma nnwan no nsuo nom. nnwan no nom nsuo no wie a, na nnwanhwɛfoɔ no asane de ɛboɔ no akata abura no ano.

4 Yakob bisaa wɔn , "Anuanom, mofiri he na mobaa ha?"

Wɔbuaa Yakob , "Yɛfiri Haran."

5 Yakob sane bisaa wɔn , "Monim Nahor nana Laban anaa?"

Nnwanhwɛfoɔ no nso buaa no , "Aane, yɛnim no."

6 Afei, Yakob bisaa wɔn , "Na ne ho te sɛn?"

Wɔbuaa no , "Ne ho . Na ne babaa Rahel koraa na ɔne ne nnwan reba yi."

7 Yakob kaa , "Monhwɛ. Owia no ano den dodo. Ɛberɛ a ɛsɛ wɔboaboa mmoa no ano nnuruiɛ. Momma wɔn nsuo nnom, na monka wɔn nkɔ wɔn adidibea."

8 Nnwanhwɛfoɔ no buaa Yakob , "yɛmmoaboaa nnwan no nyinaa ano, na yɛmpiree ɛboɔ no mfirii abura no ano a, yɛrentumi mma wɔn nsuo nnom."

9 Yakob gu so ne wɔn rekasa no ara na Rahel a ɔno nso odwanhwɛfoɔ no de nʼagya nnwan baa . 10 Ɛberɛ a Yakob hunuu ne maame nuabarima Laban babaa Rahel ne ne wɔfa Laban nnwan no, ɔkɔpiree ɛboɔ no firii abura no ano. Afei, wɔmaa nnwan no nsuo nomeeɛ. 11 Afei, Yakob fee Rahel ano, na ɔsuiɛ. 12 Na Yakob aka akyerɛ Rahel , ɔno Yakob Rahel no agya busuani a ɔsane nʼagya Laban no nuabaa Rebeka babarima. Enti, Rahel tuu mmirika kɔka kyerɛɛ nʼagya.

13 Laban tee ne nuabaa Rebeka ba Yakob ho asɛm no, ɔyɛɛ ntɛm kɔhyiaa no. Laban yɛɛ no atuu, fee nʼano, de no baa ne fie, maa Yakob bɔɔ no nʼananteseɛ. 14 Laban ka kyerɛɛ no , nokorɛ ni, "woyɛ me busuani." Na Yakob tenaa Laban nkyɛn bosome.

Yakob Ware Laban Mmammaa Lea Ne Rahel

15 Ɛda koro bi, Laban ka kyerɛɛ Yakob , "Ɛwom woyɛ me busuani deɛ, nanso ɛno nkyerɛ , woyɛ adwuma ma me a ɛnsɛ metua wo ka. Kyerɛ me akatua a wopɛ na memfa mma wo."

16 Na Laban mmammaa baanu. Na ɔpanin no din de Lea ɛnna akumaa no nso de Rahel. 17 Na Lea aniwa aba , ɛnna Rahel ɔbaa fɛfɛ a nʼanim nyam yie. 18 Na Yakob Rahel awadeɛ kwan so, enti ɔka kyerɛɛ Rahel agya Laban , "wode wo babaa kumaa Rahel bɛma me aware a, anka me nso mɛsom wo mfeɛ nson."

19 Laban kaa , "Mepene so! Ɛyɛ mede no bɛma wo aware mmom sene mede no bɛma obi foforɔ bi a mennim no. Enti, tena me nkyɛn." 20 Esiane ɔdɔ a na Yakob Rahel enti, ɔsomm Laban mfeɛ nson, na wanhunu koraa , wasom akyɛre saa. Ɛyɛɛ no gyama ɔsomee nnansa bi .

21 Yakob som wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ Laban , "Masom awie enti, fa Rahel ma me na menware no."

22 Ɛno enti, Laban too ɛpono kɛseɛ, na ɔtoo nsa frɛɛ nnipa a na ɔne wɔn nyinaa baa apontoɔ no ase. 23 Na ɛduruu anadwo a esum aduru no, Laban de ne babaa Lea kɔmaa Yakob, maa ɔne no daeɛ. 24 Ɛno akyiri no, Laban de nʼafenawa Silpa kaa Lea ho ɔnkɔsom no.

25 Adeɛ kyeeɛ no, ɔhunuu Lea mmom na ɔda nʼakyi. Ɛnna Yakob bisaa Laban , "Asɛm bɛn na wo ne me adi yi? Ɛnyɛ Rahel enti na mesom wo? Adɛn enti na woadaadaa me sei?"

26 Laban buaa Yakob , "Ɛha deɛ, ɛnyɛ yɛn amanneɛ yɛde ɔbabaa kumaa ma aware ɛberɛ a ɔpanin no nwareeɛ. 27 Ma Lea nni nnawɔtwe wo nkyɛn, na nnawɔtwe no akyiri no, wopɛ Rahel ara a, mɛma woasane asom mfirinhyia nson bio, na mede no ama wo aware."

28 Yakob penee so ne Lea tenaa nnawɔtwe. Ɛno akyiri, ɔsomm mfeɛ nson ansa na Laban de ne babaa Rahel nso maa no wareeɛ. 29 Laban de nʼafenawa Bilha nso maa ne babaa Rahel ɔnkɔsom no. 30 Yakob de ne ho kaa Rahel nso. Na ɔdɔ Rahel sene Lea. Yakob tenaa Laban nkyɛn, somm no mfirinhyia nson bio sɛdeɛ ɔne no hyehyɛeɛ no.

Yakob Mma

31 Awurade hunuu Yakob ani nnye Lea ho no, ɔbuee ne yafunu mu, nanso Rahel deɛ, na ɔnwo. 32 Lea nyinsɛneeɛ, woo ɔbabarima. Ɔtoo no edin Ruben a asekyerɛ ne "Awurade ahunu mmɔborɔ a meyɛ." Na Lea kaa , "Awurade ahunu me mmɔbɔ. Nokorɛm, afei na me kunu ani bɛgye me ho."

33 Lea nyinsɛnee bio na ɔsane woo ɔbabarima bio no, ɔkaa , "Esiane Awurade hunuu me kunu ani nnye me ho enti, wasane akyɛ me ɔbabarima bio." Enti, ɔtoo ne din Simeon a asekyerɛ ne "Awurade ate!"

34 Lea sane nyinsɛnee bio. Na ɔwoo ɔbabarima bio no, ɔkaa , "Afei deɛ, me kunu de ne ho bɛfam me ho, ɛfiri , mawo mmammarima baasa ama no." Ɛno enti, ɔtoo no edin Lewi a asekyerɛ ne "Ahofam."

35 Lea sane nyinsɛnee. Ɛberɛ a ɔsane woo ɔbabarima bio no, ɔkaa , "Saa ɛberɛ yi deɛ, mɛkamfo Awurade." Ɛno enti, ɔtoo no edin Yuda, a asekyerɛ ne "Nkamfoɔ." Yei akyiri no, ɔhomee awoɔ so.

Veja também