17 Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam nso sɛ, "Esiane sɛ wotiee wo yere asɛm, na wodii dua a mehyɛɛ wo sɛ, ‘Nni so aba no’ enti,
"Madome asase,
na ɔbrɛ ne ɔhaw mu na wobɛdidi so
wo nkwa nna nyinaa.
18 Ɛbɛfifiri nkasɛɛ ne nkyɛkyerɛ
ama wo na woadi wiram nhahan.
19 Wobɛsiam wʼanim fifire
ansa na woanya aduane adi,
kɔsi sɛ wobɛwu akɔ dɔteɛ mu, ɛfiri sɛ,
dɔteɛ no mu na menwonoo wo firiiɛ;
woyɛ dɔteɛ,
na dɔteɛ mu na wobɛsane akɔ."