Publicidade

Gênesis 46

Yakob Misraim

1 Enti, Israel de nʼahodeɛ nyinaa siim kɔduruu Beer-Seba. Ɔbɔɔ Onyankopɔn a na nʼagya Isak somm no no afɔdeɛ .

2 Anadwo anisoadehunu mu no, Onyankopɔn frɛɛ Yakob , "Yakob! Yakob!"

Yakob gyee so , "Me nie."

3 Onyankopɔn ka kyerɛɛ no , "Mene Onyankopɔn. Onyankopɔn a wʼagya somm no. Nsuro wobɛkɔ Misraim, ɛfiri , mɛma wʼase adɔre ayɛ ɔman kɛseɛ . 4 Mʼankasa me ne wo bɛkɔ Misraim, na masane ne wo aba ha bio. Ɛduru ɛberɛ a worebɛwu a, wobɛwu Yosef anim."

5 Afei, Yakob siim firii Beer-Seba. Israel mma no de wɔn agya Yakob, wɔn yerenom ne wɔn mma tenatenaa nteaseɛnam a Farao soma maa wɔde bɛfaa wɔn no mu. 6 Wɔfaa wɔn mmoa ne wɔn agyapadeɛ a wɔanya Kanaan asase so nyinaa kaa wɔn ho kɔɔ Misraim. Yakob ne nʼasefoɔ nyinaa siim kɔɔ Misraim. 7 Israel de ne mmammarima, ne nananom, ne mmammaa ne wɔn mma a wɔn nyinaa nʼasefoɔ kaa ne ho kɔɔ Misraim.

8 Edin a ɛdidi so yi Israelfoɔ, Yakob asefoɔ a ɔde wɔn kɔɔ Misraim.

Ruben Yakob abakan.

9 Ruben nso mmammarima edin na ɛdidi so yi:

Hanok, Palu, Hesron ne Karmi.

10 Simeon nso mmammarima :

Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Saulo a ne na Kanaanni.

11 Lewi mmammarima din na ɛdidi so yi:

Gerson, Kohat ne Merari.

12 Yuda nso mmammarima :

Er, Onan, Sela, Peres ne Serah. Nanso Er ne Onan deɛ, wɔwuwuiɛ Kanaan asase so, ansa na Israel reba Misraim asase so.

Peres mmammarima :

Hesron ne Hamul.

13 Isakar mmammarima nso :

Tola, Puwa, Hiob ne Simron.

14 Sebulon mmammarima nso :

Sered, Elon ne Yakleel.

15 Wɔn a wɔabobɔ wɔn din yi Lea mma a ɔne Yakob woeɛ Paddan-Aram a ne babaa Dina nso ka ho. Saa mmammarima ne ne babaa yi nyinaa dodoɔ si nnipa aduasa mmiɛnsa.

16 Gad nso mma din na ɛdidi so yi:

Sifion, Hagi, Suni, Esbon, Eri, Arodi ne Areli.

17 Aser nso mma din na ɛdidi so yi:

Yimna, Isua, Isui ne Beria ne wɔn nuabaa Sera.

Beria nso mma :

Heber ne Malkiel.

18 Yeinom nso ne Silpa, afenaa a Laban de no maa ne babaa Lea a ɔno nso de no maa ne kunu Yakob wareeɛ no mma. Wɔn nyinaa dodoɔ ano si nnipa dunsia.

19 Yakob yere Rahel mma :

Yosef ne Benyamin.

20 Yosef ne ne yere Asnat, a ɔyɛ Potifera a ɔyɛ On bosomfoɔ babaa woo Manase ne Efraim Misraim.

21 Benyamin nso mmammarima din na ɛdidi so yi:

Bela, Beker, Asbel, Gera, Naaman, Ehi, Ros, Mupim, Hupim ne Ard.

22 Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi Rahel mmammarima a ɔne Yakob woeɛ. Wɔn nyinaa dodoɔ ano si nnipa dunan.

23 Dan babarima

Husim.

24 Naftali nso mmammarima din na ɛdidi so yi:

Yahseel, Guni, Yeser ne Silem.

25 Bilha a ɔyɛ Laban afenaa a ɔde no maa ne babaa Rahel mmammarima a ɔne Yakob woeɛ no na wɔabobɔ wɔn din yi. Na wɔn dodoɔ ano si nnipa baason.

26 Nnipa a Yakob de wɔn kɔɔ Misraim nyinaa, a wɔyɛ nʼasefoɔ ankasa, a ne mmammarima yerenom nka ho dodoɔ ano si aduosia nsia. 27 wɔde Yosef mmammarima baanu a ɔwoo wɔn Misraim no ka ho a, na Yakob asefoɔ a ɔde wɔn kɔɔ Misraim no nyinaa dodoɔ ano si nnipa aduɔson.

Farao Yakob Atenaseɛ Gosen

28 Israel somaa Yuda, ma ɔdii ɛkan kɔɔ Yosef kɔbisaa no Gosen ɛkwan. Akyire no, wɔkɔduruu Gosen. 29 Yosef siesiee ne nteaseɛnam ma wɔkɔɔ Gosen kɔhyiaa nʼagya Israel. Yosef duruu nʼagya Yakob anim , ɔbam no, suiɛ ara kwansin.

30 Israel ka kyerɛɛ Yosef , "Ohunu a mahunu wo wote ase yi enti, owuo bɛfa me ɛnnɛ koraa a, mepɛ."

31 Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no ne nʼagya fiefoɔ no , "Mɛkɔ makɔka makyerɛ Farao , Me nuammarimanom ne mʼagya fiefoɔ a na anka wɔte Kanaan asase so nyinaa aba ha abɛka me ho. 32 Mmarima no nnwanhwɛfoɔ. Wɔhwɛ mmoa so. Na wɔde wɔn nnwan ne wɔn anantwie ne biribiara a wɔwɔ aba.33 Farao frɛ mo, na ɔbisa mo , Adwuma bɛn na moyɛ a,34 momma no mmuaeɛ , Wo nkoa ayɛn mmoa firi wɔn mmɔfraase, te deɛ yɛn agyanom yɛeɛ no ara pɛpɛɛpɛ.moka saa kyerɛ no a, ɔbɛma mode Gosen ayɛ mo atenaeɛ, ɛfiri , Misraimfoɔ kyiri nnwanhwɛfoɔ kɔkɔɔkɔ."

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-