4 "Ɛberɛ a metoo asase fapem no, na wowɔ he?
Sɛ wonim a, ka ɛ.
5 Hwan na ɔsusuu ne tenten ne ne tɛtrɛtɛ? Ampa ara wonim!
Hwan na ɔtwee susuhoma faa ani?
6 Ɛdeɛn so na ɛgyina,
anaasɛ hwan na ɔtoo ne tweatiboɔ no,
7 ɛberɛ a anɔpa nsoromma bɔɔ mu too dwom,
na abɔfoɔ nyinaa de anigyeɛ teaam no?
8 "Hwan na ɔkaa ɛpo hyɛɛ apono akyi,
ɛberɛ a ɛpue firii yafunu mu,
9 ɛberɛ a mede omununkum yɛɛ nʼaduradeɛ
na mede esum kabii kyekyeree noɔ,
10 ɛberɛ a metoo hyeɛ maa noɔ
na mesisii nʼapono ne nʼadaban,
11 ɛberɛ a mekaa sɛ, ‘Ɛha ara na wobɛduru, ɛntra ha;
ɛha na wʼahantan asorɔkyeɛ no mmɛso’?