Publicidade

Josué 1

Onyankopɔn De Dwumadie Hyɛ Yosua Nsa

1 Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ wuo akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Nun babarima Yosua, Mose ɔboafoɔ no , 2 "Afei a me ɔsomfoɔ Mose awuo no, ɛsɛ wodi me nkurɔfoɔ no anim kɔtwa Asubɔnten Yordan asase a mede rema wɔn no so.1.2 Na Israelfoɔ no wɔ Sitim (2.1) Moab tata so (5 Mose 34.3) a ɛbɛn Yordan. 3 Mehyɛ wo a mehyɛɛ Mose no , baabiara a wode wo nan bɛsi no bɛyɛ asase a mede ama woɔ. 4 Ɛfiri Negeb ɛserɛ a ɛwɔ anafoɔ fam kɔsi Lebanon mmepɔ a ɛwɔ atifi fam, ɛfiri Asubɔnten Eufrate a ɛwɔ apueeɛ fam kɔsi Ɛpo Kɛseɛ a ɛwɔ atɔeɛ fam, ne Hetifoɔ asase nyinaa. 5 Obiara rentumi nsɔre ntia wo wo nkwa nna nyinaa. Sɛdeɛ na meka Mose ho no, saa ara na mɛka wo ho. Merennya wo na merempa wʼakyi da. 6 Wo ho nyɛ den na nnam, ɛfiri , wobɛdi me nkurɔfoɔ yi anim akɔfa asase a mekaa ntam mede bɛma wɔn agyanom no nyinaa.

7 "Wo ho nyɛ den na nnam. Di mmara a Mose de maa wo no nyinaa so. Mfiri ho, na wobɛdi nkonim biribiara a woyɛ mu. 8 Sua saa Mmara Nwoma yi ɛberɛ biara. Dwene ho awia ne anadwo sɛdeɛ ɛbɛma woayɛ biribiara a wɔatwerɛ mu no. Saa na ɛbɛma asi wo yie. 9 Mehyɛ wo , den na nnam! Nsuro na mma wʼaba mu mmu, na Awurade wo Onyankopɔn ka wo ho baabiara a wobɛkɔ."

Yosua Kyerɛ Deɛ Israelfoɔ Nyɛ

10 Afei, Yosua hyɛɛ Israel ntuanofoɔ no , 11 "Momfa atenaeɛ no mu na monka nkyerɛ nnipa no ma wɔnsiesie wɔn nnuane. Nnansa akyi no, mobɛtwa Asubɔnten Yordan na moakɔfa asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de ama mo no."

12 Afei Yosua frɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusua no fa nyinaa. Ɔka kyerɛɛ wɔn , 13 "Monkae ahyɛdeɛ a Awurade ɔsomfoɔ Mose maa mo no: Awurade, mo Onyankopɔn, rema mo ahomeɛ na ɔde asase yi ama mo.14 Mo yerenom, mo mma ne mo anantwie bɛtena Yordan apueeɛ fam ha. Nanso, mo akofoɔ a wɔasiesie wɔn ho ama ɔkɔ no bɛdi mmusuakuo a aka no anim atware Yordan, na wɔaboa ma wɔafa asase no. Mo ne wɔn ntena 15 nkɔsi Awurade bɛma wɔn ahomeɛ sɛdeɛ wayɛ ama mo no. Na wɔn nso bɛdi asase a Awurade, mo Onyankopɔn de rema wɔn no so. Ɛno ansa na mode Yordan apueeɛ fam ha asase a Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ de maa mo no, bɛyɛ mo atenaeɛ."

16 Wɔbuaa Yosua , "Deɛ woahyɛ yɛn yɛnyɛ nyinaa yɛbɛyɛ, na baabiara a wobɛsoma yɛn nso, yɛbɛkɔ. 17 Yɛbɛyɛ ɔsetie ama wo sɛdeɛ yɛyɛ maa Mose no. Awurade wo Onyankopɔn, nni wʼakyi sɛdeɛ ɔdii Mose akyi no. 18 Obiara a ɔbɛte wʼasɛm so atua na wanni wʼahyɛdeɛ mu biara so no, wɔnkum no. Enti, hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru!"

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-