Pular para o conteúdo
Publicidade

Jó 29

1 Hiob toaa so ,

2 "Mafe abosome a atwam no,

nna a Onyankopɔn hwɛɛ me soɔ no,

3 ɛberɛ a ne kanea hyerɛn mʼatifi

na mede ne kanea menantee esum mu no!

4 Ao, ɛnna a mesii soɔ no,

ɛberɛ a Onyankopɔn adamfofa a emu den hyiraa me fie,

5 ɛberɛ a na Otumfoɔ da so ka me ho

na me mma atwa me ho ahyia,

6 ɛberɛ a na nufosuo mu sradeɛ afɔ mʼakwan

na abotan hwiee ngo nsuo maa me.

7 "Ɛberɛ a na mekɔ kuropɔn ɛpono ano

mekɔtena mʼadwa so ɔmanfoɔ adwaberem,

8 mmeranteɛ hunu me a, wɔgyina nkyɛn

na mpanimfoɔ sɔre gyina ;

9 atitire gyae kasa

na wɔde wɔn nsa kata wɔn ano;

10 mmapɔmma tɛm dinn,

na wɔn tɛkrɛma ka wɔn dodom.

11 Wɔn a wɔte me nka nyinaa ka me ho asɛmpa,

na wɔn a wɔhunu me nyinaa kamfo me,

12 ɛfiri , meboaa ahiafoɔ a wɔsu pɛɛ mmoa,

ne nwisiaa a wɔnni aboafoɔ.

13 Onipa a na ɔrewuo no hyiraa me;

na memaa akunafoɔ ani gyee wɔn akoma mu.

14 Mede tenenee firaa mʼaduradeɛ;

atɛntenenee yɛɛ me nkatasoɔ ne mʼabotire.

15 Meyɛɛ aniwa maa anifirafoɔ,

ne ɛnan maa abubuafoɔ.

16 Meyɛɛ ahiafoɔ agya;

na mekaa ahɔhoɔ asɛm maa wɔn.

17 Mebubuu amumuyɛfoɔ se

na mehwim wɔn a wɔdi wɔn nya no firii wɔn anom.

18 "Medwenee , Mɛwu mʼankasa me fie mu,

na me nna adɔɔso anwea.

19 Me nhini bɛduru nsuo ano,

na obosuo agugu me mman so anadwo mu nyinaa.

20 Mʼanimuonyam bɛkɔ so ayɛ frɔmm me so,

na mʼahoɔden ayɛ foforɔ.

21 "Nnipa hwehwɛɛ wɔtie me,

wɔyɛɛ dinn, twɛnee mʼafotuo.

22 mekasa wie a wɔnnkasa bio,

ɛfiri me nsɛm tɔɔ wɔn asom yie.

23 Wɔtwɛnee me sɛdeɛ wɔtwɛne osutɔ,

na wɔmenee me nsɛm osutɔ berɛ nsuo.

24 Wɔn abasa mu buiɛ no, mesere kyerɛɛ wɔn;

mʼanimteɛ som bo ma wɔn.

25 Mebɔɔ ɛkwan maa wɔn na metenaa ase wɔn ɔhene;

metenaa ase ɔhene a ɔwɔ nʼakodɔm mu;

meyɛɛ obi a ɔkyekyere agyaadwotwafoɔ werɛ.

Veja também