Pular para o conteúdo
Publicidade

Hiob 38

4 "Ɛberɛ a metoo asase fapem no, na wowɔ he?

wonim a, ka ɛ.

5 Hwan na ɔsusuu ne tenten ne ne tɛtrɛtɛ? Ampa ara wonim!

Hwan na ɔtwee susuhoma faa ani?

6 Ɛdeɛn so na ɛgyina,

anaasɛ hwan na ɔtoo ne tweatiboɔ no,

7 ɛberɛ a anɔpa nsoromma bɔɔ mu too dwom,

na abɔfoɔ nyinaa de anigyeɛ teaam no?

8 "Hwan na ɔkaa ɛpo hyɛɛ apono akyi,

ɛberɛ a ɛpue firii yafunu mu,

9 ɛberɛ a mede omununkum yɛɛ nʼaduradeɛ

na mede esum kabii kyekyeree noɔ,

10 ɛberɛ a metoo hyeɛ maa noɔ

na mesisii nʼapono ne nʼadaban,

11 ɛberɛ a mekaa , Ɛha ara na wobɛduru, ɛntra ha;

ɛha na wʼahantan asorɔkyeɛ no mmɛso?

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também