Hiob Bua Bildad
1 Na Hiob kasaa bio sɛ:
2 "Aane, menim sɛ yei yɛ nokorɛ.
Na ɛbɛyɛ dɛn na ɔdasani bɛtene wɔ Onyankopɔn anim?
3 Sɛ obi pɛ sɛ ɔne Onyankopɔn yiyi a,
ɔrentumi nyi nsɛm apem mu baako mpo ano.
4 Ne nyansa mu dɔ, na ne tumi so.
Hwan na ɔne no adi asie na ne ho baabiara anti?