Publicidade

Jó 9

Hiob Bua Bildad

1 Na Hiob kasaa bio :

2 "Aane, menim yei nokorɛ.

Na ɛbɛyɛ dɛn na ɔdasani bɛtene Onyankopɔn anim?

3 obi ɔne Onyankopɔn yiyi a,

ɔrentumi nyi nsɛm apem mu baako mpo ano.

4 Ne nyansa mu , na ne tumi so.

Hwan na ɔne no adi asie na ne ho baabiara anti?

5 Ɔtutu mmepɔ a wɔnnim ho hwee

ɔbubu wɔn fa so nʼabufuo mu.

6 Ɔwoso asase firi ne siberɛ,

na ɔma ne nnyinasoɔ woso biribiri.

7 Ɔkasa kyerɛ owia na ɛnhyerɛn,

na ɔsɔ nsoromma hyerɛn ano.

8 Ɔno nko ara na ɔtrɛ ɔsoro mu,

na ɔnante ɛpo asorɔkye so.

9 Ɔno ne Nwenwenente, Akokɔbaatan ne ne mma Yɛfoɔ;

Nsorommabafan ne ewiem anafoɔ fam nsorommakuo no.

10 Ɔyɛ anwanwadeɛ a wɔntumi nte aseɛ,

nsɛnkyerɛnneɛ a wɔntumi nkan.

11 ɔnam me ho a, menhunu no;

ɔsene a, menhunu no.

12 ɔhwim a, hwan na ɔsi no kwan?

Hwan na ɔbɛtumi abisa no , Ɛdeɛn na woreyɛ yi?

13 Onyankopɔn nkora nʼabufuo so;

Rahab aboafoɔ mpo ho popo nʼanim.

14 "Na me ne hwan a me ne no bɛyiyi?

Mɛyɛ dɛn anya nsɛm a me ne no de bɛgye akyinnyeɛ?

15 menim mpo a, merentumi nyi nʼano;

ɛno ara ne mɛsrɛ ahummɔborɔ afiri me ɔtemmufoɔ nkyɛn.

16 Mpo, mefrɛ no na ɔba a,

mennye nni ɔbɛtie mʼasɛm.

17 Ɔde asorɔkye bɛdwerɛ me

ama mʼapirakuro adɔɔso kwa.

18 Ɔremma menya mʼahome, bio.

Ɔde awerɛhoɔ bɛhyɛ me ma .

19 ɛba no ahoɔden a, ɔyɛ ɔhoɔdenfoɔ!

Na ɛba atɛntenenee nso a, hwan na ɔbɛsamane no?

20 medi bem mpo a, mʼano bɛbu me kumfɔ;

me ho nni asɛm a, ɛbɛbu me .

21 "Ɛwom medi bem deɛ,

nanso memmu me ho;

abrabɔ afono me.

22 Ne nyinaa ; ɛno enti na meka ,

Ɔsɛe deɛ ne ho nni asɛm ne omumuyɛfoɔ.

23 Ɛberɛ a amanehunu de owuo aba no,

ɔsere deɛ ne ho nni asɛm no akomatuo.

24 Ɛberɛ a asase akɔ amumuyɛfoɔ nsam no,

ɔfira ɛso atemmufoɔ ani.

ɛnyɛ ɔno a, na ɛyɛ hwan?

25 "Me nna ho herɛ sene ommirikatufoɔ;

ɛsene a anigyeɛ kakra mpo nni mu.

26 Ɛtwam akodoɔ a wɔde paparɔs ayɛ

te akɔdeɛ a wɔreto akyere wɔn ahaboa.

27 meka , Me werɛ mfiri mʼanwiinwii,

mɛsesa me nsɛm ka, na masere a,

28 me yea ahodoɔ no me hu ara.

Na menim , woremmu me bem.

29 Woabu me dada enti,

adɛn na ɛsɛ meha me ho kwa?

30 Mpo ɛba mede samina dware

na mede samina hohoro me nsa ho a,

31 wobɛto me atwene atɛkyɛ amena mu,

ama mʼatadeɛ mpo akyiri me.

32 "Ɔnyɛ onipa te me na mayi nʼano,

na yɛakɔgyina asɛnniiɛ abobɔ yɛn nkuro.

33 anka obi a ɔbɛsiesie yɛn ntam

na waka yɛn baanu abɔ mu a,

34 obi a ɔbɛyi Onyankopɔn abaa afiri me so,

sɛdeɛ nʼahunahuna mmɔ me hu bio a,

35 anka mɛkasa a merensuro no,

nanso saa tebea a mewɔ mu yi deɛ, mentumi.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-