Pular para o conteúdo
Publicidade

Levítico 21

Asɔfodie Ho Mmara

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose , "Ka kyerɛ asɔfoɔ no , Wɔnnsɔ efunu mu mfa ngu wɔn ho fi. 2 wɔbɛsɔ efunu mu a, na ɛyɛ wɔn fieni, ebia, ɛna, agya, ɔbabarima, ɔbabaa, onuabarima 3 anaa onuabaa a ɔyɛ ɔbaabunu a ɔte ase no na ɔdan ɔsɔfoɔ no. 4 Ɛfiri , ɔsɔfoɔ no obi a ɔtua ne nkurɔfoɔ ano a ɛnsɛ ɔgu ne ho fi sɛdeɛ onipa foforɔ bi bɛtumi agu ne ho fi no.

5 " Asɔfoɔ no nni ho kwan wɔbɔ, yi wɔn abɔgyesɛ anaasɛ wɔsesa wɔn ho. 6 Ɛsɛ wɔyɛ kronkron ma wɔn Onyankopɔn. Ɛnsɛ wɔgu ne din ho fi. ɛba saa a, wɔremfata wɔde ogya bɛbɔ aduane afɔdeɛ ama Awurade wɔn Onyankopɔn.

7 " Ɛnsɛ ɔsɔfoɔ ware odwamanfoɔ anaa ɔbaa bi a ɔfiri ɔman foforɔ so. Ɔnni ho kwan ɔware ɔbaa bi a wagyae awadeɛ, ɛfiri , ɔsɔfoɔ onipa kronkron ma Onyankopɔn. 8 Wɔayi ɔsɔfoɔ no asi ɔmmɔ mo Onyankopɔn afɔdeɛ; ɔyɛ kronkron na me Awurade a mete mo ho ma moyɛ kronkron no nso, meyɛ kronkron.

9 " Ɔsɔfoɔ babaa biara a ɔbɛbɔ adwaman no gu nʼagya ne ɔno ankasa ho fi, enti ɛsɛ wɔhye no.

10 " Ɛnsɛ ɔsɔfopanin a wɔde ngo sononko bi asra no ahyɛ no atadeɛ sononko no gyaa ne tirinwi ma ɛsensɛn ayiyɛ mu. Saa ara nso na ɔnni ho kwan ɔsunsuane nʼatadeɛ mu. 11 Ɔnni ho kwan ɔkɔ efunu honʼagya anaa ne maame funu koraa ɔnni ho kwan ɔkɔ ho. 12 ɔgu so reyɛ nʼasɔfodwuma kronkronbea a, ɔnni ho kwan ɔfiri adi. Ɛnsɛ ɔfa mʼAhyiaeɛ Ntomadan efie bi kɛkɛ, ɛfiri , ne Onyankopɔn ngo a wɔde tee ne ho no da so ne so. Mene Awurade.

13 " Ɛsɛ ɔware ɔbaabunu. 14 Ɛnsɛ se ɔware okunafoɔ anaa ɔbaa bi a wagyae awadeɛ anaa odwamanfoɔ. Ɛsɛ ɔbaa a ɔbɛware no no ɔbaabunu a ɔfiri ne ɔman mu, 15 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔngu ne mma ho fi ne nkurɔfoɔ mu. Mene Awurade a metee ne ho no.’ "

16 Awurade ka kyerɛɛ Mose , 17 "Ka kyerɛ Aaron , ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so no, nʼasefoɔ biara a wɔadi dɛm no nni ho kwan wɔbɔ Onyankopɔn afɔdeɛ. 18 Obi a wadi dɛm mmɛm me: onifirani anaa apakye anaa deɛ ɔwɔ honam akwaa mu sintɔ; 19 obi a ɔyɛ abasin anaa nansin, 20 anaa deɛ ɔyɛ afu anaa akwatia anaa deɛ nʼani nyɛ anaa deɛ ekuro atutu no anaa deɛ ɔyɛ ɛtwo. 21 Ɔsɔfoɔ Aaron aseni biara a wadi dɛm mma mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Awurade. Wadi dɛm, ɛno enti ɛnsɛ ɔtwe bɛn ɔde ne Onyankopɔn aduane rebrɛ no. 22 Nanso wɔbɔ afɔdeɛ no wie a, ɔsɔfoɔ no tumi ma no Onyankopɔn afɔdeɛ no aduane no bi di a ɛmfa ho ɛyɛ afɔdeɛ kronkron. 23 Nanso ne dɛm no enti, ɔnni ho kwan ɔkɔ ntwamutam no akyi anaa ɔbɛn afɔrebukyia no. Yei bɛgu me kronkronbea ho fi na ɛyɛ Awurade na wate ho."

24 Enti Mose hyɛɛ mmara yi maa Aaron ne ne mmammarima ne Israelfoɔ nyinaa.

Veja também