Publicidade

Domínio próprio

Por Bíblia Online

O domínio próprio é fruto do Espírito e marca de maturidade espiritual. A Bíblia ensina que quem governa o próprio espírito é melhor do que quem conquista uma cidade.

Fruto do Espírito

O fruto do Espírito inclui domínio próprio. A graça de Deus nos ensina a viver de maneira sóbria e justa neste mundo.

Na Honhom no aba ne ɔdɔ, anigyeɛ, asomdwoeɛ, abodwokyɛreɛ, ayamyɛ, papayɛ, gyidie, ɔdwoɔ ne ahohyɛsoɔ. Mmara biara nni a ɛtia yeinom.

Onyankopɔn adom a ɛde nkwagyeɛ ba no ayi no ho adi akyerɛ nnipa nyinaa. Na adom no kyerɛ yɛn , yɛmpa asetena a ɛho nteɛ no ne ewiase akɔnnɔ akyi na yɛntena ase ahohyɛsoɔ, kronnyɛ ne Onyamesuro mu ewiase ha. Yɛwɔ anidasoɔ ɛberɛ a yɛretwɛn Onyankopɔn tumfoɔ a ɔne Agyenkwa Yesu Kristo no ba a ɔbɛba bio animuonyam mu no.

Ɛfiri , Honhom a Onyankopɔn de maa yɛn no mma yɛnyɛ ahufoɔ; na mmom, Honhom no ma yɛn tumi, ɔdɔ ne ahohyɛsoɔ.

Esiane saa enti, mommɔ mmɔden mfa nneyɛeɛ a ɛho teɛ nka mo gyidie ho; na momfa nimdeɛ nka nneyɛeɛ a ɛho teɛ ho; na momfa ahohyɛsoɔ nka mo nimdeɛ ho; na momfa boasetɔ nka mo ahohyɛsoɔ ho; na momfa nyamesom pa nka mo boasetɔ ho; na momfa onuadɔ nka nyamesom pa ho, na momfa ɔdɔ amapa nka onuadɔ ho.

Governar a si mesmo

Melhor é o que domina o seu espírito do que o que toma uma cidade. A cidade sem muros é o homem sem domínio próprio.

Deɛ ɔwɔ abodwokyerɛ no sene ɔkofoɔ,

na deɛ ɔmfa abufuo sene deɛ ɔko fa kuropɔn.

Onipa a ɔnni ahohyɛsoɔ no

te kuropɔn a nʼafasuo abubu agu fam.

Ɔkwasea da abufuo nyinaa adi,

nanso onyansafoɔ hyɛ ne ho so.

Mfomsoɔ mpa ɔkasa bebree mu,

na deɛ ɔkora ne tɛkrɛma no onyansafoɔ.

Monim mmirika akansie mu, mmirikatufoɔ no nyinaa tu mmirika no bi, nanso wɔn mu baako na ɔnya akradeɛ no. Enti, tu mmirika no ɛkwan bi so na nya akradeɛ no. Obiara a ɔsi agodie mu akan no siesie ne ho di mmara so. Ɔyɛ saa sɛdeɛ ɔbɛnya ahenkyɛ a ɛrenkyɛre, nanso yɛn deɛ yi deɛ, ɛbɛkyɛ akɔsi daapem nyinaa. Ɛno enti na meretu mmirika mʼanim tee akɔwie no. Ɛno enti na mete okuturukubɔni a ne kuturuku mfom no. Mebɔ mmɔden hyɛ me onipadua so na medi no nya, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, meka Asɛmpa no kyerɛ afoforɔ a me nso merenyɛ deɛ ɛmfra.

Na morentumi nhyɛ mo ho so nso a monkɔwareware. Ɛyɛ mobɛware sene mobɛhyɛ mo ho ahometeɛ.

Sɔhwɛ biara a aba wʼakwan mu no deɛ ɛba nnipa akwan mu. Esiane Onyankopɔn di ne bɔhyɛ so enti, ɔremma ho ɛkwan mma sɔhwɛ a ɛboro wʼahoɔden so nto wo. sɔhwɛ ba wo so a, ɔbɛma wo ahoɔden ama woatumi agyina ano, na woanya ho nyansa nso.

Disciplina e vigilância

Sede sóbrios e vigilantes. O diabo anda em derredor como leão rugidor. A sobriedade nos protege e fortalece.

Mo ani nna ; monwɛn ɛfiri , mo ɔtamfoɔ bonsam no nam gyata a ɔbobɔm hwehwɛ deɛ ɔbɛnya no amene. Momfa gyidie nnyina pintinn nsi no ɛkwan ɛfiri , monim mo nuanom agyidifoɔ a wɔwɔ ewiase afanan nyinaa rehunu saa amane korɔ no ara bi.

Biribiara awieeɛ abɛn. Ɛsɛ mohyɛ mo ho so na mowɛn na moatumi abɔ mpaeɛ.

Abrabɔ Foforɔ

Esiane Kristo hunuu amane ne honam mu enti, monsɔ saa adwene korɔ no ara mu mfa nhyɛ mo ho den. Ɛfiri , deɛ wahunu amane honam mu no ne bɔne nni biribiara . Ɛfiri seesei rekɔ no, mo nna a aka asase so ha no, ɛsɛ Onyankopɔn na ɔdi mo abrabɔ so na ɛnyɛ onipa akɔnnɔ. Moasɛe mmerɛ bebree de ayɛ deɛ ɛsɛ abosonsomfoɔ na wɔyɛ. Motenaa ase ahohwie, akɔnnɔbɔne, nsãborɔ, agobɔne, adidimeeɛ ne abosonsom a ɛyɛ akyiwadeɛ mu. Seesei ɛyɛ wɔn nwanwa mo ne wɔn mmɔ mu mmu ahuhubra no bio, ɛno enti, wɔyeyɛ mo. Nanso, wɔbɛbu wɔn ho nkonta akyerɛ Onyankopɔn a wasiesie ne ho bu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛn no.

Ɛsɛ mosua sɛdeɛ mohyɛ mo ho so na obiara atumi ne ne yere atena kronnyɛ ne animuonyam so. Monntena ase akɔnnɔ anibereɛ so te wɔn a wɔnnim Onyankopɔn.

O senhorio de Cristo

Todo domínio pertence a Cristo. Ele é Senhor dos senhores e Rei dos reis — e nos capacita a viver em santidade.

Monkamfo Awurade, ne nnwuma nyinaa

deɛ ɛwɔ nʼaheman mu nyinaa.

Ao me ɔkra, kamfo Awurade!

Wʼahennie daa ahennie,

na wo tumidie ma awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa.

Awurade di ne bɔhyɛ nyinaa so,

na ɔwɔ ɔdɔ ma biribiara a wayɛ.

"Anadwo a menyaa mʼanisoadehunu no, mehwɛ hunuu obi te onipa ba no a ɔnam ɔsoro omununkum mu reba. Ɔbɛn Deɛ ɔwɔ firi Tete no, wɔdii nʼanim kɔɔ ne nkyɛn. Wɔmaa no tumi, animuonyam ne adehyetumi; na aman ne kasa ahodoɔ nyinaa somm no. Nʼahennie daa ahennie a ɛtoɔ rentwa da. Nʼahemman deɛ ɛrensɛe da."

Ɛyɛ me anigye mo nyinaa ahunu biribi a ɛfa nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ a Ɔsorosoro Onyankopɔn ayɛ ama me.

Hwɛ sɛdeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ kɛseɛ fa!

Na hwɛ sɛdeɛ tumi a ɛwɔ nʼanwanwadeɛ no mu so fa!

Nʼahennie daa ahennie;

ne tumi tene awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

Ɛfiri , wɔawo akokoaa ama yɛn,

wɔama yɛn ɔbabanin,

na amammuo no bɛda ne mmati so.

Na wɔbɛfrɛ no

Ɔfotufoɔ Nwanwani, Otumfoɔ Onyankopɔn,

Daa Agya, Asomdwoeɛ Wura.

Nʼamammuo no nkɔsoɔ ne nʼasomdwoeɛ

bɛtena daa.

Ɔbɛtena Dawid ahennwa so

abu nʼahennie,

Ɔde atɛntenenee ne teneneeyɛ

bɛhyɛ aseɛ na wama atim

afiri saa ɛberɛ no akɔsi daa apem.

Asafo Awurade mmɔdemmɔ

bɛyɛ yei.Awurade

Ɔgyee yɛn firii esum tumi ase de yɛn baa ne Ba no Ahennie mu dwoodwoo. Ne mu na yɛnya ɔgyeɛ. Ne mu nso na yɛnya bɔnefakyɛ.

ɛberɛ a ɔnyanee Kristo firii awufoɔ mu na ɔde no tenaa ne nifa so ɔsoro ahemman no mu no. Saa tumi yi korɔn sene mpaninnie ne tumidie, ahoɔden ne kɛseyɛ, ne diberɛ biara a wɔtumi de ma saa ɛberɛ yi ne ɛberɛ a ɛbɛba no mu.

Yɛn deɛ, yɛyɛ ɔsoro mma na yɛde ahosɛpɛ twɛn yɛn Agyenkwa a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔfiri ɔsoro bɛba no. Ɔnam tumi a ɛtumi ma biribiara hyɛ nʼase no so bɛsakra yɛn onipadua a ɛyɛ mmerɛ na ɛwu no, na wayɛ no ne deɛ a ɛwɔ animuonyam no.

Ɛfiri , yɛnim wɔanyane Kristo afiri owuo mu na ɔrenwu bio. Owuo nni ne so tumi bio.

Wɔn a wɔdwene honam mu no rentumi nsɔ Onyankopɔn ani.

Onyankopɔn Honhom te mo mu a, ɛnyɛ honam mmerɛyɛ na ɛdi mo so. Na obi nni Kristo Honhom a, ɔnyɛ Kristo dea.

Owuo nam Adam so baa yɛn nyinaa so; saa ara nso na Kristo de nkwa brɛɛ yɛn nyinaa. Nanso, biribiara bɛyɛ nnidisoɔ nnidisoɔ a Kristo na ɔbɛdi ɛkan, na Kristo di ɛkan ba bio a, wɔn a wɔyɛ ne deɛ no nso adi akyire. Afei Kristo sɛe ahonhom mu atumfoɔ, ahoɔden ne tumi nyinaa a, awieeɛ no bɛba, na ɔde Ahennie no ama Onyankopɔn a ɔyɛ Agya no. Ɛfiri , ɛsɛ Kristo di ɔhene kɔsi ɔbɛdi nʼatamfoɔ nyinaa so na ɔde wɔn ahyɛ ne nan ase.

"Tumi ne suro Onyankopɔn;

ɔno na ɔhyehyɛ pɛpɛyɛ ɔsorosoro.

Seja o primeiro
Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-