Publicidade

Salmos 103

Dawid deɛ.

1 Ao me kra, kamfo Awurade;

na me mu adeɛ nyinaa nkamfo ne din kronkron no.

2 Ao me kra, kamfo Awurade,

na mma wo werɛ mfiri ne nneyɛeɛ pa nyinaa,

3 ɔno na ɔde wo mfomsoɔ nyinaa kyɛ woɔ

na ɔsa wo nyarewa nyinaa,

4 ɔgye wo nkwa firi damena mu

na ɔde adɔeɛ ne mmɔborɔhunu wo abotire,

5 ɔde nnepa ma wo wʼapɛdeɛ

na wo mmeranteberɛ foforɔ ɔkɔdeɛ.

6 Awurade adetenenee

na ɔbu wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa atɛntenenee.

7 Ɔkyerɛɛ Mose nʼakwan,

na ɔmaa Israelfoɔ hunuu ne nneyɛɛ.

8 Mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ ne Awurade,

ne bo kyɛre fu na nʼadɔeɛ dɔɔso.

9 Ɔrenkɔ so mmɔ soboɔ,

na ɔrennya yɛn ho menasepɔ nkɔsi daa;

10 Ɔrenhwɛ yɛn bɔne ne yɛn nni sɛdeɛ ɛfata

na ɔrentua yɛn nnebɔne so ka sɛdeɛ ɛteɛ.

11 Na sɛdeɛ ɔsoro ne asase ntam ware no,

saa ara na nʼadɔeɛ so wɔn a wɔsuro no so.

12 Sɛdeɛ apueeɛ ne atɔeɛ ntam ware no,

saa ara na wama yɛn ne yɛn mmarato ntam kwan aware.

13 Sɛdeɛ agya yam hyehye no ne mma ho no,

saa ara na Awurade yam hyehye no ma wɔn a wɔsuro no,

14 na ɔnim sɛdeɛ wɔyɛɛ yɛn,

ɔkae yɛyɛ mfuturo.

15 Ɔdasani deɛ, ne nna te ɛserɛ,

ɔyɛ frɔmm wiram nhwiren;

16 mframa fa ne so a, na ɔnni ,

na ne sibea nnim no bio.

17 Nanso ɛfiri mmerɛsanten kɔsi nnasanten

Awurade adɔeɛ wɔn a wɔsuro no so,

na ne tenenee wɔn mma mma so,

18 wɔn a wɔdi nʼapam no so

na wɔkae di ne mmara so.

19 Awurade asi nʼahennwa soro,

na nʼahennie di adeɛ nyinaa so.

20 Monkamfo Awurade, mo a moyɛ nʼabɔfoɔ,

mo atumfoɔ a moyɛ nʼahyɛdeɛ,

mo a motie nʼasɛm.

21 Monkamfo Awurade, ɔsoro asafo nyinaa,

nʼasomfoɔ a moyɛ nʼapɛdeɛ.

22 Monkamfo Awurade, ne nnwuma nyinaa

deɛ ɛwɔ nʼaheman mu nyinaa.

Ao me ɔkra, kamfo Awurade!

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-