Pular para o conteúdo
Publicidade

Jeremias 32

Yeremia Asase

1 Eyi ne asɛm a efi Awurade nkyɛn baa Yeremia Yudahene Sedekia adedi afe a ɛto so du a na ɛyɛ Nebukadnessar adedi afe a ɛto so dunwɔtwe no mu. 2 Na Babiloniahene nsraadɔm aka Yerusalem ahyɛ a na odiyifo Yeremia nso da dua mu awɛmfo adiwo a ɛwɔ Yuda ahemfi.

3 Na Yudahene Sedekia de no ato afiase reka se, "Adɛn nti na wohyɛ nkɔm a ɛte sɛɛ? Woka se, Nea Awurade se ni: Mede saa kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniahene nsa, na wafa no nnommum. 4 Yudahene Sedekia rennya kwan nguan mfi Babiloniafo nsam, na ampa ara hyɛ na wɔde no bɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔne no akasa anim ne anim na ɔde nʼani ahu no. 5 Ɔde Sedekia bɛkɔ Babilonia, na na ɔbɛtena akosi me ne no bedi, Awurade na ose. woko tia Babiloniafo no a worenni nkonim.’ "

6 Yeremia kae se, "Awurade asɛm baa me nkyɛn se, 7 Wo wɔfa Salum babarima Hanamel rebɛba wo nkyɛn, abɛka se, mʼasase a ɛwɔ Anatot32.7 Anatot—Yeremia kurom. no, efisɛ woyɛ me busuani titiriw na wowɔ ho kwan, na ɛyɛ wʼasɛde nso wotɔ.’ 

8 "Na sɛnea Awurade aka no, me wɔfa ba Hanamel baa me nkyɛn awɛmfo adiwo bɛkae se, mʼasase a ɛwɔ Anatot Benyamin mantam mu no. Esiane wowɔ ho kwan wugye na wofa no nti, na fa.

"Mihuu eyi Awurade asɛm." 9 Enti metɔɔ asase a na ɛwɔ Anatot no fii me wɔfa ba Hanamel nkyɛn na mituaa dwetɛ gram ɔha ne aduɔkron anan (194) maa no. 10 Mede me nsa hyɛɛ adetɔ nhoma no ase, sɔw ano32.10 sɔw ano—Ɛnyɛ sɛ ɔde nsa bɛhyɛ ase sɛ ɛyɛ nokware nko, na mmom, sɛnea wɔbɛhyɛ nhyehyɛe no mu nsɛm no mu den na amma obiara antumi ansakra mu. nnansefo anim, na mede nsania karii dwetɛ mpɔw no. 11 Na mefaa adetɔ nhoma no, nea wɔasɔw ano a ɛho nhyehyɛe mu no, ne nea wɔnsɔw ano no nso, 12 na mede saa adetɔ nhoma no maa Neria babarima Baruk32.12 Baruk—Ase ne "Awurade ahyira no." Na ɔyɛ Yeremia kyerɛwfo nokwafo. a, ɔyɛ Maaseia nena no me wɔfa ba Hanamel, nnansefo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ adetɔ nhoma no ase ne Yudafo a na wɔwɔ awɛmfo adiwo no nyinaa anim.

13 "Meka kyerɛɛ Baruk wɔn nyinaa anim se, 14 Nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se ni: Fa saa adetɔ so nhoma yi, nea wɔasɔw ano ne nea wɔnsɔw ano, na fa gu dɔte asuhina mu, sɛnea ɛbɛkyɛ yiye.32.14 fa to asuhina mu sɛnea ɛbɛkyɛ yiye—Krataa a wohuu no asuhina mu wɔ Ɛlefantin ne Kumram (nkurow a ɛdeda Nkyene Po atɔe fam) no dii mfe 2,000 ne akyi a ɛho anka. 15 Nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se ni: Wɔbɛtotɔ afi, mfuw ne bobe nturo asase yi so bio.’ 

16 "Mede adetɔ nhoma no maa Neria babarima Baruk akyiri no, mebɔɔ Awurade mpae se,

17 "Ao, Otumfo Awurade, wo na wonam wo tumi ne wo basa a woateɛ mu so abɔ ɔsoro ne asase. Biribiara nyɛ den mma wo. 18 Wuyi ɔdɔ adi kyerɛ mpempem, nanso wutua agyanom amumɔyɛ so ka gu wɔn mma a wodi wɔn akyi srɛ so. Onyankopɔn Tweduampɔn a woso na wowɔ tumi, wo din ne Asafo Awurade, 19 wo botae so, na wo nneyɛe kɛse. Wʼaniwa hu nnipa akwan nyinaa; na wutua obiara ka sɛnea nʼabrabɔ ne ne nneyɛe te. 20 Woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade Misraim na atoa so de abesi nnɛ Israel ne adesamma nyinaa mu, na wode agye din a ɛwɔ wo de besi nnɛ. 21 Wode nsɛnkyerɛnne ne anwonwade, nsa a ɛyɛ den ne abasa a wɔateɛ mu ne nneɛma ɛyɛ hu yii wo man Israel fii Misraim. 22 Wode asase a wokaa ho ntam wode bɛma wɔn agyanom no maa wɔn, asase a nufusu ne ɛwo sen so. 23 Wɔba bedii, na wɔtenaa so, nanso wɔantie wo, na wɔanni wo mmara so; wɔanyɛ nea wohyɛɛ wɔn wɔnyɛ no. Enti wode saa amanehunu yi nyinaa baa wɔn so.

24 "Hwɛ sɛnea wɔasisi ntuano mpampim de rebegye kuropɔn no. Esiane afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm nti, wɔde kuropɔn no bɛhyɛ Babiloniafo a wɔretow ahyɛ ne so no nsa. Nea wokae no aba mu sɛnea wuhu no mprempren no. 25 Na ɛwɔ mu wɔde kuropɔn no bɛhyɛ Babiloniafo nsa de, nanso wo, Otumfo Awurade, ka kyerɛ me se, Fa dwetɛ asase na ma nnansefo mmra ho nhyehyɛe no mu.’ "

26 Na Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se, 27 "Mene Awurade adesamma nyinaa Nyankopɔn. Na biribi den dodo ma me ana? 28 Enti nea Awurade se ni: Mede kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniafo ne Babiloniahene Nebukadnessar nsa, na wɔafa. 29 Babiloniafo a wɔretow ahyɛ saa kuropɔn yi so no bɛba, na wɔato mu gya; wɔbɛhyew no dwerɛbee, ɛno ne afi a nnipa hyew nnuhuam atifi maa Baal na wohwiee afɔrebɔ nsa maa anyame foforo de hyɛɛ me abufuw no.

30 "Israelfo ne Yudafo nyɛɛ biribiara bɔne mʼani so, efi wɔn mmabun bere mu; ampa ara Israelfo nyɛɛ biribiara wɔde nneɛma a wɔde wɔn nsa ayɛ bɛhyɛ me abufuw, Awurade na ose. 31 Efi da a wɔkyekyeree saa kuropɔn yi de besi nnɛ, wahyɛ me abufuw ne abufuwtraso a ɛsɛ miyi no fi mʼani so. 32 Israelfo ne Yudafo de bɔne a wɔayɛ nyinaa ahyɛ me abufuw, wɔn, wɔn ahemfo ne adwumayɛfo, wɔn asɔfo ne adiyifo, mmarima a wɔwɔ Yuda ne nnipa a wɔwɔ Yerusalem. 33 Wɔdan wɔn akyi kyerɛɛ me; ɛwɔ mu, mekyerɛkyerɛ wɔn bere biara de, nanso wɔantie na wɔamfa nteɛso. 34 Wɔasisi ahoni a ɛyɛ akyiwade ofi a me Din da so no mu, de guu ho fi. 35 Wosisii sorɔnsorɔmmea maa Baal Ben Hinom bon mu, de wɔn mmabarima ne mmabea bɔɔ afɔre maa Molek, bere a menhyɛɛ wɔn na ɛmmaa mʼadwene mu da wɔnyɛ saa akyiwade yi mma Yuda nyɛ bɔne.

36 "Woreka kuropɔn yi ho se, Wɔnam afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm so de bɛhyɛ Babiloniahene nsa; nanso sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se: 37 Ampa ara mɛboaboa wɔn ano afi nsase a mifi mʼabufuwhyew mu pam wɔn koguu ; mɛsan de wɔn aba ha na mama wɔatena ase ahotɔ mu. 38 Wɔbɛyɛ me nkurɔfo, na mayɛ wɔn Nyankopɔn. 39 Na mɛma wɔn koma koro na wɔayɛ wɔn ade abɔ mu, sɛnea bere biara wobesuro me, wɔn ankasa ne wɔn nkyirimma yiyedi nti. 40 Na me ne wɔn bɛyɛ daapem apam: Merennyae wɔn yiyeyɛ da, na mede ɔpɛ bɛhyɛ wɔn koma mu, ama wɔasuro me, sɛnea wɔrentwe wɔn ho mfi me ho da. 41 Mʼani begye mɛyɛ wɔn yiye, na ampa ara mede me koma ne me kra nyinaa bedua wɔn asase yi so.

42 "Sɛɛ na Awurade se: Sɛnea mede amanehunu kɛse yi nyinaa aba nkurɔfo yi so no, saa ara na mede yiyedi a mahyɛ wɔn ho no bɛma wɔn. 43 Wɔbɛtotɔ nsase bio ha, nea moka ho se, Wɔde ahyɛ Babiloniafo nsa, ɛno nti ada mpan, na nnipa anaa mmoa nni so no.44 Wɔde dwetɛ bɛtotɔ nsase, na wɔbɛyɛ adetɔ nhoma so. Wɔbɛsɔw ano nnansefo anim Benyamin32.44 Benyamin mantam. Wɔbɔ Benyamin din ha kan efisɛ na hɔ yɛ ɔmantam a Yeremia kurow a ofi mu wɔ. mantam, nkuraa a atwa Yerusalem ho ahyia, nkurow a ɛwɔ Yuda, bepɔw so man, atɔe fam mmepɔw ase ne Negeb, efisɛ mɛsan de wɔn ahonyade ama wɔn, Awurade na ose."

Veja também