Pular para o conteúdo
Publicidade

Números 10

Dwetɛ Ntorobɛnto No

1 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2 "Fa dwetɛ a wɔaboro ntorobɛnto abien, na ɛyɛ a wɔahyɛn de afrɛ nnipa no, na edu ntamadan no tu so nso a, wɔahyɛn. 3 wɔhyɛn ntorobɛnto abien no a, nnipa no behu , ɛsɛ wɔboa wɔn ho ano Ahyiae Ntamadan no ano. 4 Na wɔhyɛn baako a, na ɛkyerɛ Israel mmusua no mu mpanyimfo na ɛsɛ wɔba wo nkyɛn. 5 mohyɛn de kyerɛ monkɔ mo anim a, mmusuakuw a wɔwɔ Ahyiae Ntamadan apuei fam no betu afi wɔn atenae na wɔakɔ. 6 mohyɛn nea ɛto so abien no a, mmusuakuw a wɔwɔ anafo fam no bedi so. Monhyɛn no ntiantia mu mfa nkyerɛ wɔnkɔ. 7 Na mofrɛ nnipa no ama wɔabehyia a, momfa ɔkwan foforo so nhyɛn ntorobɛnto no.

8 "Aaron mmabarima asɔfo nko ara na wɔbɛma wɔn kwan ama wɔahyɛn ntorobɛnto no. Eyi mmara a ɛbɛtena daa ama awo ntoatoaso a ɛbɛba no nyinaa. 9 mudu Bɔhyɛ Asase no so na mo ne mo atamfo a wɔhyɛ mo so no ko a mohyɛn ntorobɛnto no. Na, Awurade, mo Nyankopɔn bɛkae mo na wagye mo afi mo atamfo nsam. 10 Anigyebere mu nso, monhyɛn ntorobɛnto no. Afe mu dapɔnna nso, monhyɛn. Ɔsram biara mfiase nso, monhyɛn mfa nnye mo ani ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre ho. moyɛ saa a, ɛbɛkae Onyankopɔn apam a ɔne mo no. Na mene Awurade mo Nyankopɔn."

11 Ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so aduonu no a ɛyɛ mfe abien a Israelfo fii Misraim no, omununkum no pagyaw ne ho fii Ahyiae Ntamadan no so, 12 enti Israelfo no fii Sinai sare so dii omununkum no akyi kosii ekogyinaa Paran sare so. 13 Bere a ɛsɛ wotu no duu no, Awurade nam Mose so ka kyerɛɛ wɔn.

14 Akwantu no mu no, mmusua a wɔhyɛ Yuda abusuakuw no ase, a Aminadab babarima Nahson tua ano na otuu wɔn frankaa ma wodii kan. 15 Wɔn a wodii so ne Isakar abusuakuw a Suar babarima Netanel di wɔn anim. 16 Sebulon abusuakuw na wodii a Helon babarima Eliab na na odi wɔn anim. 17 Wotutuu Ahyiae Ntamadan no, na Gerson ne Merari mmusua a wofi Lewifo mu no soaa Ahyiae Ntamadan no dii wɔn afa santen no mu.

18 Ruben abusuakuw tuu wɔn frankaa de dii so a Sedeur babarima Elisur di wɔn anim. 19 Wɔn a na wodi so ne Simeon abusuakuw a Surisadai babarima Selumiel di wɔn anim; 20 Gad abusuakuw nso, na Deguel babarima Eliasaf na odi wɔn anim. 21 Na Kohatfo no nso na na wodi a wɔsoso kronkronbea nneɛma. Na ɛsɛ wɔhyehyɛ Ahyiae Ntamadan no beae foforo ansa na wɔadu .

22 Wɔn a na wodi so ne Efraim abusuakuw a na wodi wɔn frankaa no akyi a Amihud babarima Elisama na odi wɔn anim; 23 Wɔn a na wodi so ne Manase abusuakuw a Pedahsur babarima Gamaliel di wɔn anim; 24 na Benyamin abusuakuw na na wodi so a Gideoni babarima Abidan di wɔn anim.

25 Wɔn a na wotwa to koraa no ne Dan abusuakuw a wɔyɛ wɔn nyinaa awɛmfo na Amisadai babarima Ahieser da wɔn ano na frankaa di wɔn anim. 26 Okran babarima Pagiel na na odi Aser abusuakuw anim, 27 na Enan babarima Ahira nso di Naftali abusuakuw anim. 28 Saa nhyehyɛe yi na Israel mmusuakuw yi faa so tuu wɔn kwan no.

29 Afei, Mose ka kyerɛɛ nʼase Hobab, Midiani Reuel ba se, "Eyi nyinaa akyi no, yɛrekɔ beae a Awurade kae se, Mede bɛma mo no.Bra na yɛnkɔ na yɛbɛhwɛ wo so yiye; efisɛ Awurade ahyɛ Israelfo nnepa ho ."

30 Obuae se, "Dabi, merenkɔ; merekɔ mʼasase so ne mʼabusuafo nkyɛn."

31 Nanso Mose kae se, "Mesrɛ wo, nnyaw yɛn. Wo na wunim faako a ɛsɛ yɛtena sare no so, na wubetumi ayɛ yɛn kwankyerɛfo. 32 wo ne yɛn a, nneɛma pa a Awurade de bɛma yɛn no nyinaa, wubenya bi."

33 Enti wofi Awurade Bepɔw so nantew nnansa. Awurade Apam Adaka no dii wɔn anim hwehwɛɛ baabi a wɔbɛsoɛ maa wɔn. 34 Wofii wɔn akwantu no ase awia a wɔrekɔ no nyinaa na Awurade mununkum no di wɔn anim.

35 Bere biara a wɔbɛma adaka no so asi mu no, Mose teɛ mu se,

"Awurade, sɔre!

Ma wʼatamfo nhwete;

ma wɔn nyinaa nguan mfi wʼanim."

36 Bere biara a wɔbɛsoɛ adaka no, ɔka se,

"Awurade, san bra

Israelfo mpempem a wontumi nkan wɔn no mu."

Veja também