12 Na asasewosoɔ no akyi, ogya pueeɛ. Nanso, na Awurade nni ogya no mu. Na ogya no akyi, nne bi a ɛyɛ bɔkɔɔ te sɛ deɛ wɔde ka asomusɛm baeɛ. 13 Elia tee nne no, ɔde nʼatadeɛ kataa nʼanim19.13 Elia kataa nʼanim, ɛfiri sɛ, obiara nhunu Onyankopɔn na ɔnnya nkwa ɛnna ɔfiri ɔbodan no mu, kɔgyinaa ano kwan no ano.
Na nne bi bisaa sɛ, "Elia, ɛdeɛn na woreyɛ wɔ ha?"